Ti 7 — Nkrasɛm no Ntrɛmu Ntɛmntɛm
GSAM 126.1“Na mehuu ɔbɔfoɔ kɛseɛ foforɔ sɛ ɔresian firi soro, na ɔfura mununkum; na nyankontɔn wɔ ne ti so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya dum. Na na ɔkura nwoma ketewa bi a wɔabue mu wɔ ne nsam; na ɔde ne nan nifa sii po no so, na ɔde ne nan benkum sii asase no so, na ɔteɛɛ nne kɛseɛ mu te sɛ nea gyata bobɔ mu. Na ɔteɛɛ no, aprannaa nson no kaa wɔn nne... Na ɔbɔfoɔ a mehuu no sɛ ɔgyina po ne asase no so no maa ne nsa so kɔɔ soro, na ɔkaa ntam wɔ nea ɔte ase daa daa no, nea ɔbɔɔ ɔsoro ne nneɛma a ɛwɔ mu ne asase ne nneɛma a ɛwɔ so ne po ne nneɛma a ɛwɔ mu no, sɛ bere biara nni hɔ bio; na nna a ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɛma ne torobɛnto no nne aba mu, sɛ ɔhyɛ aseɛ bɔ a, Onyankopɔn ahintasɛm no bɛwie, sɛnea ɔdaa no adi kyerɛɛ ne nkoa nkɔmhyɛfoɔ no.”1
GSAM 126Ɔbɔfoɔ no Yɛ Nnipa Asomafoɔ Ho Agyiraeɛ
GSAM 126.2Sɛnea yɛada no adi dada no, wɔde asɛmpa no ka adwuma ahyɛ onipa nsa, na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔde ne nhyira bɛka saa adwumayɛ yi ho akɔsi “wiase awiei.”2 Enti ɛsɛ sɛ ɔbɔfoɔ a ɔde saa nkrasɛm yi reba no yɛ nkrasɛm bi a ɛfa bere ho, a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ asase sofoɔ no ho agyiraeɛ. Wɔreka nkrasɛm no firi nwoma bi a “wɔabue” mu, na ɛkyerɛ pefee sɛ na wɔato mu pɛn. Onyankopɔn bu saa asomafoɔ yi; na “nyankontɔn,” a ɛyɛ Onyankopɔn apam ho sɛnkyerɛnne no, wɔwɔ wɔn so, na wɔafurafura Onyankopɔn animuonyam hann mu, na wɔka nkrasɛm no wɔ adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no tumi so. Nea wɔreka no ha yɛ bere ho nkrasɛm, a na wɔasɔ ano pɛn, nanso afei wɔreka firi nwoma a “wɔabue” mu.
GSAM 127.1Wɔ ti a atwam no mu no, yɛakyerɛ sɛ Awurade hyɛɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔde hann no ma wɔ nkɔmhyɛ bere kɛseɛ no—nna 2300—awieeɛ ho, a ɛde kɔ nhwehwɛmu atemmuo no mu; sɛ nkɔmhyɛ a ɛka sɛ nimdeɛ bɛdɔɔso no baa mu pɛpɛɛpɛ, ɛnam nnipa bebree a ɔmaa wɔn so na ɔyii saa hann no adi kyerɛɛ wɔn; na ɔsan yɛɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔsua “borɔdɔma dua no ho bɛ” no hyɛɛ, ɛnam sɛ ɔmaa ne akyerɛkyerɛfoɔ sɔree saa bere no ara sɛ wɔnkɔka saa bɛ no nkyerɛ wiase. Saa ara na ɔhyɛɛ bere pɔtee a bere ho nkrasɛm no bɛyɛ ne nteɛmu kɛseɛ no pɛpɛɛpɛ, na saa ara nso na ɛbaa mu.
GSAM 127Ɔbɔfoɔ a Ɔdi Kan no Nkrasɛm no Nteɛmu Kɛseɛ
GSAM 127.2Bere pɔtee a na ɛsɛ sɛ wɔma saa dawurubɔ yi nteɛmu kɛseɛ no yɛ asɛmmisa a ɛsom boɔ. Wɔde no asi torobɛnto a ɛtɔ so nsia ne nea ɛtɔ so nson no bɔ ntam, na ɛnyɛ ne gyinabea wɔ Kyerɛwsɛm no mu nko na ɛma yehu saa, na mmom nkrasɛm no ankasa a ɛka sɛ: “Nna a ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɛma ne torobɛnto no nne aba mu, sɛ ɔhyɛ aseɛ bɔ a, Onyankopɔn ahintasɛm no bɛwie, sɛnea ɔdaa no adi kyerɛɛ ne nkoa nkɔmhyɛfoɔ no.” Eyi yɛ adanseɛ a ɛwie pɛyɛ sɛ bere a wɔaka ho asɛm wɔ saa nkrasɛm yi mu no kɔsi torobɛnto a ɛtɔ so nson no bɔ mu.
GSAM 127Bere a Nteɛmu Kɛseɛ no Bɛba
GSAM 127.3Sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɔ a, yɛkenkan sɛ “wɔbuee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ soro no, na wɔhunuu n’apam adaka no wɔ n’asɔredan mu.”3 Wɔ asase so kronkronbea som mu no, wɔbuee dan a na apam adaka no wɔ mu—bea kronkron paa no—afe biara pɛnkoro; na ɛyɛ mpata da no, na wɔyɛɛ saa sɛ wɔde bɛpepa bɔne—kronkronbea no ho ahoteɛ. Bere a nkɔmhyɛfoɔ kaa ho asɛm sɛ saa ahoteɛ adwuma yi, a Kristo yɛ no, bɛba no, yɛ nna 2300 no awieeɛ.4 Wɔsan ka sɛ, sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɔ a, nne bi wɔ soro bɛka sɛ bere no adu sɛ wɔbu awufoɔ atɛn.5
GSAM 128.1Adiyisɛm 10 mu saa nkɔmhyɛ ho agyiraeɛ yi kyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde saa nkrasɛm yi kɔ “nne kɛseɛ mu,” na awieeɛ no, “te sɛ nea gyata bobɔ mu.” Sɛnea saa nkɔmhyɛ yi teɛ no, bere a na ɛsɛ sɛ nkrasɛm no yɛ ne “nteɛmu kɛseɛ” no firi torobɛnto a ɛtɔ so nsia no awieeɛ kɔsi saa nkɔmhyɛ bere no awieeɛ, a ɛde kɔ kronkronbea no ho ahoteɛ mu; ɔkwan foforɔ so no, kɔsi nna 2300 no awieeɛ. Torobɛnto anan a edi kan no baa mu wɔ Gothfoɔ, Vandals ne Huns, ne afoforɔ no akodi mu, a ɛkyekyɛɛ Roma Atɔe fam no mu yɛɛ no ahenni du.
GSAM 128Torobɛnto a Ɛtɔ so Anum
GSAM 128.2Torobɛnto a ɛtɔ so anum no kyerɛ Mohammedfoɔ som no sɔre, a ne mfomsoɔ mununkum ka ho, nanso ɛda “bosome enum” no adi titire, anaa mfeɛ ɔha ne aduonum ankasa, firi bere a wɔnyaa “ɔhene dii wɔn so.” Kitawonsa 27, 1299, Othman, Ottoman ahenni no fapemfoɔ, kɔfaa Nicomedia asase no. Firi saa bere no, Ottomanfoɔ haw Roma Ahenni a ɛwɔ Apuei no na wɔyɛɛ no “ayayadeɛ” kɔsi Kitawonsa 27, 1449, mfeɛ ɔha ne aduonum a torobɛnto a ɛtɔ so anum no bɔɔ. Saa bere no, Turkeyfoɔ de wɔn dɔm baa Constantinople kuropɔn no ankasa so, na wɔde atuduro dii ako; na wɔde ɔtopaeɛ kɛseɛ bi a abakɔsɛm kyerɛwfoɔ Gibbon ka sɛ na nantwie 60 na ɛtwe no no tow aboɔ akɛseɛ guu Constantinople afasuo no so.
GSAM 128Torobɛnto a Ɛtɔ so Nsia no Awieeɛ
GSAM 128.3Saa bere yi mu ara na John Palleologus, a abakɔsɛm kyerɛwfoɔ bu no sɛ Helafoɔ ahene no mu nea ɔtwa toɔ, wui. Constantine Decozes na na ɔfata sɛ ɔdi ahengua no, nanso wɔka sɛ Amurath, Turkeyfoɔ sultan a ɔredi saa akodi yi tia no, ho suro maa ɔbisaa Amurath kwan sɛ ɔnni ahengua no so. Ɛbɛyɛ sɛ na saa adeyɛ yi te sɛ ahengua no a ɔde regyae ama Turkeyfoɔ no. Nokorɛ ne sɛ, ankyɛ biara na Ottomanfoɔ nyaa Constantinople kuropɔn ne Roma Ahenni a ɛwɔ Apuei no. Saa kwan yi so na wɔde “kum” ahenni no wɔ amammui mu, nea na wɔadi kan “ayɛ no ayayadeɛ.” Na ɛsɛ sɛ wɔde “kum” no “dɔnhwerew baako, da baako, bosome baako ne afe baako.”
GSAM 129.1Sɛ yɛfa eyi sɛ nkɔmhyɛ bere, baako da ma afe baako a, bere tenten bɛn na ɛbɛyɛ? Asɛm no yɛ mmerɛw: afe yɛ nna 360, anaa mfeɛ; bosome yɛ nna 30, anaa mfeɛ; na da baako yɛ afe baako—ne nyinaa yɛ nna 391, anaa sɛnea ɛyɛ ankasa no, mfeɛ 391. Sɛ dɔnhwerew yɛ da no mu nkyɛmu aduonu anan no baako a, sɛ agyiraeɛ no, ɛbɛyɛ bosome no mu nna 15. Enti Mohammedfoɔ tumidi a ɛde wɔn ho dii wɔ Roma Apuei asase so no bere nyinaa yɛ mfeɛ 391 ne nna 15. Sɛ yɛde eyi ka Kitawonsa 27, 1449 ho a, ɛde yɛn ba Ɔsannaa 11, 1840, sɛ bere a Turkeyfoɔ no tumidi a wɔde wɔn ho dii no baa awieeɛ, sɛnea wɔdaa no adi wɔ torobɛnto a ɛtɔ so nsia no ase.
GSAM 129Ɔdɔkota Josiah Litch Hyɛɛ Ottoman Ahenni no Asehweɛ Ho Nkɔm
GSAM 129.2Afe 1838 mu no, Ɔdɔkota Josiah Litch a ɔfiri Philadelphia, Pa., gyee nokorɛ a William Miller daa no adi no, na ɔde ne ho bɔɔ adwuma a wɔde nkrasɛm no maa nnipa pii tee. Ɔyɛɛ nsɛm maa ɔman nwoma tintimbea ahodoɔ faa Adiyisɛm no torobɛnto nson no ho. Ɔfaa gyinabea a emu da hɔ sɛ torobɛnto a ɛtɔ so nsia no bɛgyae bɔ, na Ottoman tumidi no bɛhwe ase Ɔsannaa da a ɛtɔ so 11, 1840, na eyi bɛkyerɛ wiase sɛ da baako wɔ nkɔmhyɛ ho agyiraeɛ mu gyina hɔ ma afe baako wɔ bere ankasa mu.
GSAM 129.3Anuanom no mu binom, mpo wɔn a na wɔne no gye saa asɛm yi di no, wɔde akɔkɔɔ wosowee wɔ nea ɛbɛba no ho “sɛ ɛamma mu” sɛnea ɔkaa no. Nanso eyi amma no annyae, na mmom ɔtoaa so yɛɛ nea ɔbɛtumi nyinaa sɛ ɔde ne adwene a ɛfa Turkeyfoɔ asɛm ho bɛma nnipa pii ahu. Ɔman nsɛmma nwoma trɛw kyerɛɛ nnipa no gyinaeɛ a ɔfaa wɔ asɛm yi ho. Gyidie nnimfoɔ fekuo kaa asɛm no ho wɔ wɔn nhyiamu mu, na wɔkaa sɛ, “Hwɛ, ɔbarima yi de ne ho regu asiane mu wɔ biribi ho, na sɛ asɛm yi ba sɛnea ɔka no a, ɛbɛma ne gyinaeɛ no asi pi a akyinnyegyeɛ biara nni ho sɛ da baako wɔ nkɔmhyɛ mu gyina hɔ ma afe baako, na nna 2300 yɛ mfeɛ saa ara, na ɛbɛwie wɔ 1844.”
GSAM 130.1Ɔdɔkota Litch kasa no a wɔtintimii no maa ɔman no nyinaa yɛɛ gyegyeegye, na ɛnam saa so na wɔfrɛɛ nnipa mpempem sɛ wɔntwɛn ɔhaw a ɛsɔree wɔ Mehemet Ali, Egypt pasha, ne Turkeyfoɔ sultan no ntam no awieeɛ. Nnipa ɔhaha kaa sɛ, “Sɛ saa asɛm yi wie sɛnea ɔdɔkota no aka no a, ɛbɛma ‘afe-da’ nnyinasosɛm a wɔde kyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ bere ho agyiraeɛ no asi pi, na yɛbɛyɛ Akwanhwɛfoɔ.”
GSAM 130Turkeyfoɔ Sultan no Ko Tia Egypt Pasha no
GSAM 130.2Mfeɛ kakra ansa na afe 1840 reba no, sultan no de ne ho akɔhyɛɛ akodi mu ne Mehemet Ali, Egypt pasha no. Afe 1838 mu no, na amannɔne aban ananmusini no nkɛntɛnsoɔ aka ɔhaw a ɛda sultan no ne ne Egypt nkoa no ntam no ano. Nanso afe 1839 mu no, wɔhyɛɛ akodi no ase bio, na ɛkɔɔ so kosii sɛ, wɔ ɔko kɛseɛ bi a sultan no dɔm ne Mehemet dɔm koeɛ mu no, wɔsɛee sultan no dɔm pasaa, na Mehemet faa ne ahyɛn no de kɔɔ Egypt. Saa ara na sultan no tumidi so tewee, na sɛ ɔko no san fii ase Ɔsannaa mu a, na ɛkaa no nko ara ahyɛn akɛseɛ mmienu ne ɔko ahyɛn mmiɛnsa, a na ɛyɛ Turkeyfoɔ ahyɛn a kan no na ɛwɔ tumi no nkaeɛ awerɛhoɔ. Mehemet ampene koraa sɛ ɔde saa ahyɛn yi bɛma sultan no bio, na ɔkaa sɛ sɛ tumi ahodoɔ no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛgye afiri ne nsam a, ɔbɛhyew no. Saa na asɛm no gyinaa, bere a afe 1840 mu no, England, Russia, Austria ne Prussia de wɔn ho gyee mu, na wɔsii gyinaeɛ sɛ wɔbɛsiesie ɔhaw no; na na ɛda adi sɛ, sɛ wɔgyae no a, Mehemet bɛyɛ sultan no ahengua so wura ntɛm.
GSAM 131Tumi Ahodoɔ a Wɔka Bɔɔ Mu no Ntamgyinaeɛ
GSAM 131.1“Sultan no gyee tumi ahodoɔ a wɔka bɔɔ mu no ntamgyinaeɛ no too mu, na ɔnam saa so de asɛm no hyɛɛ wɔn nsa wɔ ɔpɛ mu. Wɔyɛɛ saa tumi ahodoɔ yi nhyiamu wɔ London, na sheik, Effendi Bey Likgis, baa hɔ sɛ Ottoman ananmusini a wɔama no tumi kɛseɛ. Wɔyɛɛ awieeɛ asɛm bi a wɔde bɛma Egypt pasha no; na sultan no bɛma no Egypt aban a ɔde bɛdi fi n’agya so, ne Syria asase no nyinaa a ɛfiri Suez nsuano kɔsi Tiberias Ɔtare no, ne Acre mantam no, sɛ ɔde nkwa nna nyinaa bɛdi so; na ɔno de, ɔbɛgyae sultan no ahenni no mu mmeaeɛ foforɔ nyinaa a na ɔwɔ so no, na ɔde Ottoman ahyɛn no asan aba. Sɛ ɔpo sultan no ayɛyɛdeɛ yi a, na tumi anan no de asɛm no bɛhyɛ wɔn ankasa nsa, na wɔde akwan foforɔ biara a wɔbɛhunu sɛ ɛfata adi no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛgye atom.
GSAM 131.2“Na ɛda adi sɛ, sɛ wɔde saa awieeɛ asɛm yi hyɛ Mehemet Ali nsa pɛ a, asɛm no bɛfiri sultan no [a ɔdi kan no] tumi ase koraa, na firi saa bere no, amannɔne tumi ahodoɔ no na wɔbɛhwɛ n’asɛm so.
GSAM 131Nkɔmhyɛ no Baa Mu—Turkeyfoɔ no Ahofadie Awieeɛ
GSAM 131.3“Sultan no soma Rifat Bey wɔ aban hyɛn bi mu kɔɔ Alexandria sɛ ɔde awieeɛ asɛm no bɛkɔma pasha no. Wɔde hyɛɛ ne nsa, na ɔno nso gyee no too ne so, Ɔsannaa da a ɛtɔ so dubaako, 1840! Saa da no ara na sultan no kyerɛw krataa kɔmaa tumi anan no ananmusini, bisaa nhyehyɛeɛ a wɔbɛfa so sɛ pasha no annye awieeɛ asɛm no antom; na wɔbuaa no sɛ wɔayɛ nhyehyɛeɛ dada, enti ɛho nhia sɛ ɔhaw ne ho wɔ biribiara a ɛbɛsɔre ho. Saa da yi na mfeɛ ahaasa aduokron baako ne nna dunum a wɔde maa Ottoman tumidi no sɛ ɛnkɔ so no baa awieeɛ; na sultan no ahofadie wɔ he?—Ɛkɔɔ!”6
GSAM 132.1Firi saa da no besi nnɛ no, ɛho abɛhia sɛ sultan no yɛ biribiara sɛnea tumi ahodoɔ no kyerɛ no, na wahwɛ sɛnea wɔresɛe n’ahenni no, sɛ wɔfa no ketekete ketekete de yɛ wɔn ankasa de.
GSAM 132Nkɔmhyɛ Ho Anigyeɛ Sɔree wɔ Nnipa Mu
GSAM 132.2Nkɔmhyɛ no mmamu a ɛyɛ nwanwa yi kaa ɔman no adwene paa. Ɛmaa nnipa no anigyeɛ sɛ wɔbɛte nkɔmhyɛ a aba mu ne nea ɛreba mu no ho asɛm no yɛɛ den. Ɔdɔkota Litch kaa sɛ, wɔ abosome kakra mu wɔ Ɔsannaa 11, 1840 akyi no, ɔnyaa nkrataa firi gyidie nnimfoɔ akɛseɛ bɛboro apem hɔ, na wɔn mu binom yɛ gyidie nnimfoɔ fekuo no akannifoɔ; wɔkyerɛɛ sɛ wɔagyae ɔko a na wɔne Kyerɛwsɛm no reko no, na wɔagye Kyerɛwsɛm no sɛ Onyankopɔn adiyie a ɔde ama onipa. Wɔn mu binom dannaa wɔn ho koraa kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn, na wɔn mu pii bɛyɛɛ kasafoɔ a wɔwɔ tumi wɔ Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu ho kuo kɛseɛ no mu. Wɔn mu binom kaa saa kwan yi kyerɛɛ Ɔdɔkota Litch sɛ: “Yɛaka sɛ nkɔmhyɛ kyerɛkyerɛfoɔ fa nsɛm firi abakɔsɛm nwoma dedaw mu de gyina wɔn nsɛm no akyi wɔ nkɔmhyɛ mmamu ho; nanso wɔ saa asɛm yi mu no, yɛwɔ nokwasɛm a ɛte ase no wɔ yɛn ani so pɛɛ.”
GSAM 132.3Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkyerɛ sɛ, wɔ torobɛnto a ɛtɔ so nsia no awieeɛ pɛpɛɛpɛ no, Kristo mmaeɛ ho nkrasɛm no fii ase sɛ ɛrekɔ “nne kɛseɛ mu” no, mɛka asɛm bi a obi a ɔyɛɛ saa adwuma yi kaa kyerɛɛ me.
GSAM 132.4Afe 1840 mu no, E. C. Williams, ntomadan ne hyɛn so ntama yɛfoɔ kɛseɛ a ɔfiri Rochester, N.Y., gyee nkrasɛm no dii, na ɔfrɛɛ Asɔfoɔ Miller ne Himes sɛ wɔmmra Rochester mmɛkasa nkyerɛ saa kuropɔn no nnipa mpempem no. Wɔbuaa sɛ wonni sika a ɛhia sɛ wɔde nya ɔdan kɛseɛ a ɛbɛso nnipa no. Ɔbuaa sɛ, “Mewɔ ntomadan kurukuruwa bi a ne ntwemu yɛ anammɔn 120. Mɛsi no, mɛma nnipa atena mu, na mahwɛ so ama mo kwa. Mommra na monka nkrasɛm no.” Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbaeɛ, na ntomadan no antumi annya wɔn a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no mu fa mpo, enti mede ntama twaa mu anammɔn aduanan de kaa ho, maa ntomadan no yɛɛ 160 x 120. Nnipa hyɛɛ ntomadan no mu daa, na nnipa ɔhaha kyeree ho wɔ akyi, wɔn nyinaa ani bere sɛ wɔbɛtie asɛm no.”
GSAM 133Nnipa Ɔhaha a Wɔreka Nkrasɛm no
GSAM 133.1Sɛnea nnipa no anigyeɛ rekɔ so no, wɔde ntomadan akɛseɛ dii dwuma, na wɔyɛɛ kwaeɛ mu nhyiamu wɔ ahohuru bere mu. Wɔde asɔredan akɛseɛ ne ɔman nhyiamu adan no mu binom a ɛso paa dii dwuma awɔ bere mu, na anigyefoɔ ahyɛ ne nyinaa ma kɔsi baabi a ɛbɛtumi. Sɛ́ anka Ɔsɔfoɔ Miller bɛgyina “ɛkame ayɛ sɛ ɔno nko ara” sɛnea na ɔyɛ ansa na afe 1840 reba de aka nkrasɛm no no, nnipa bɛyɛ ahaasa bɛkaa ne ho wɔ ɔman anim sɛ wɔreka nna 2300 no awieeɛ, na wɔde nteɛmu sɛ, “Bere biara nni hɔ bio,” ne, “Ne atemmuo dɔn no adu.” Enti yehu sɛ, bere a Awurade bere adu sɛ nkrasɛm no trɛw wiase nyinaa no, ne asɛm baa mu, na nnipa ɔpepem pii pɛɛ sɛ wɔtie ɔfrɛ no.
GSAM 133.2Nea ɛyɛ nokorɛ wɔ kuo no wɔ Amerika no, ɛyɛ nokorɛ wɔ aman foforɔ mu nso. Firi afe 1840 no, sɛ́ anka nnipa kakra bɛpetepete wɔn nwoma no, nnipa pii sɔree sɛnea ɛte sɛ wɔapue anim sɛ wɔrekeka nteɛmu no. England no, England Asafo no asɔfoɔ ahanson nko ara na wɔreka nkrasɛm no, a yɛanka nnipa pii a wɔde wɔn ho ahyɛ saa adwuma no ara mu no. Wɔ asase so aman akɛseɛ bɛboro aduonu mu no, nkrasɛm bi de mmɔdenbɔ a emu yɛ den saa kɔɔ so, maa wɔn a wɔhwɛeɛ no kaa sɛ, “Saa nnipa yi de wɔn koma nyinaa ayɛ adwuma.”