Ti 4 — Awieeɛ Berɛ
GSAM 77.1“Afei, mekaa sɛ, O me Awurade, dɛn na ɛbɛyɛ nneɛma yi awieeɛ? Na ɔkaa sɛ, Daniel, kɔ w’akwan so: na wɔato nsɛm no mu na wɔasɔ ano de akosi awieeɛ berɛ. ... Wɔn a wɔyɛ bɔne no bɛyɛ bɔne; na wɔn a wɔyɛ bɔne no mu biara rente ase; na anyansafoɔ bɛte ase.”1
GSAM 77.1“Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, Te ase, onipa ba, na anisoadehunu no bɛba wɔ awieeɛ berɛ mu.”2
GSAM 77.1“Na wo deɛ, O Daniel, to nsɛm no mu, na sɔ nwoma no ano kosi awieeɛ berɛ; nnipa bebree bɛtu mmirika akɔ na wɔaba, na nimdeɛ bɛdɔɔso.”3
GSAM 77.1Dɛn na wɔkyerɛ wɔ ha sɛ “awieeɛ berɛ”? Ɛrentumi nyɛ awieeɛ ankasa no, efisɛ sɛ saa na ɛte a, na Daniel nkɔmhyɛ no fã a wɔato mu no renyɛ mfasoɔ mma nnipa. Esiane sɛ “nneɛma a wɔada no adi no yɛ yɛn dea,”4 nti, ɛsɛ sɛ saa fã yi yɛ mfasoɔ wɔ berɛ bi. Enti asɛm “awieeɛ berɛ” no kyerɛ berɛ bi a ɛbɛn awieeɛ ankasa no, a wɔbɛte nneɛma a wɔka kyerɛɛ Daniel no ase wɔ mu.
GSAM 77Ne Siesie Da
GSAM 77.2Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛfa berɛ a nkɔmhyɛni Nahum frɛɛ no “ne siesie da” no ho. Ɛha no, na nkɔmhyɛni no reka Ninewe sɛeɛ ho asɛm, wɔ “mpire nnyegyeeɛ ne nteaseɛnam ntwahonan nnyegyeeɛ, apɔnkɔ a wɔretu mmirika, ne nteaseɛnam a wɔretu mmirika.”5 mu. Nea edi kan no, wɔtwe nkɔmhyɛni no adwene si amanehunu kɛseɛ bi a ɛrebɛba wiase nyinaa so, bere a “mmepɔw woso wɔ n’anim, nkokoɔ nan, na asase hye wɔ n’anim, yi, wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa. Hwan na ɔbɛtumi agyina n’abufuo anim? Na hwan na ɔbɛtumi agyina n’abufuhyeɛ mu? Wɔhwie n’abufuo gu sɛ ogya, na ɔtwiw abotan gu fam.... Ɔbɛsɛe wɔn korakora; amanehunu remma ne mprenu so.”6
GSAM 78Nteaseɛnam a Ɛwɔ Ogyatɛn a Ɛredɛre
GSAM 78.1Nkɔmhyɛni no da so ara ka saa siesie da yi ho sɛ: “Nteaseɛnam no bɛwɔ ogyatɛn a ɛredɛre wɔ ne siesie da mu, na fɛrɛ nnua no bɛwosowoso denneennen. Nteaseɛnam no bɛyɛ abufuo wɔ mmɔnten so, wɔbɛbɔ wɔn ho wɔn ho wɔ akwan trɛtrɛɛ so; wɔbɛyɛ sɛ ogyatɛn, na wɔbɛtu mmirika sɛ anyinam. Ɔbɛkan n’ahoɔdenfoɔ; wɔbɛtɔ wɔn nan wɔ wɔn nantew mu; wɔbɛyɛ ntɛm akɔ n’afasuo ho, na wɔasiesie ban no.”7
GSAM 78.2Hwɛ sɛnea wɔaka anyinam keteke a ɛwɔ yɛn berɛ yi mu no ho asɛm pɛpɛɛpɛ, a keteke no sohwɛfoɔ de bere nyinaa kan ne wɔn a wɔte mu no, na ɔsan kan wɔn, fi gyinabea bi kɔ foforɔ so; na wɔn nso tɔ wɔn nan wɔ wɔn nantew mu bere a keteke no rekɔ. Afei, fɛrɛ nnua pii na wɔde di dwuma ma keteke kwan nnua, nnua atwene, keteke kwan so nkatasoɔ a ɛbɔ ho ban fi sukyerɛma ho ne nea ɛkeka ho. Wɔka sɛ ɔkwan bi a ɛfa Sierra Nevada mmepɔw so no wɔ nkatasoɔ a wɔde fɛrɛ nnua ayɛ de bɔ keteke kwan no ho ban fi sukyerɛma ho, a ne tenten yɛ akwansin aduanan nson. Na saa na nkɔmhyɛni no kae sɛ ɛbɛba “ne siesie da” mu.
GSAM 78.3Saa awieeɛ berɛ yi ho asɛm wɔkaeɛ bio wɔ nkɔmhyɛni Yoel mu, bere a wɔde ahyɛdeɛ maa Awurade nkoa sɛ: “Monhyɛn torobɛnto wɔ Sion, na momma wɔnteɛteɛ wɔ me bepɔ kronkron so: momma asase no sofoɔ nyinaa nsuro; na Awurade da reba, na abɛn.”8
GSAM 78.4Na wɔsan ka wɔ nkɔmhyɛni Sefania mu sɛ: “Mommoaboa mo ho ano, yi, mommoaboa mo ho ano, ɔman a wɔmpɛ mo; ansa na ahyɛdeɛ no aba, ansa na da no atwam sɛ ntɛtɛ, ansa na Awurade abufuhyeɛ aba mo so, ansa na Awurade abufuo da no aba mo so. Monhwehwɛ Awurade, asase no so ahobrɛasefoɔ nyinaa, mo a moayɛ n’atemmuo; monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkata mo so wɔ Awurade abufuo da no.”9
GSAM 79.1Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte asɛm “awieeɛ berɛ” no ase koraa na yɛhu bere a ɛhyɛ aseɛ a, yɛbɛhwɛ nhwɛsoɔ foforɔ bi a wɔde asɛm koro no ara adi dwuma. Daniel ti 11 mu no, wɔde ɔtumi bi a ɔtaa nnipa ba, a na ɛsɛ sɛ ɔdi tumi kosi awieeɛ berɛ. Awurade kaa ɔtumi a ɔtaa yi ho sɛ: “Wɔn a wɔwɔ nteaseɛ no mu bi bɛhwe ase, sɛ ɛbɛsɔ wɔn ahwɛ, atew wɔn ho, na ama wɔn ayɛ fitaa, akosi awieeɛ berɛ; ɛfiri sɛ ɛno [awieeɛ berɛ no] da so ara wɔ hɔ ma berɛ a wɔahyɛ.”10
GSAM 79Abɛn Ketewa no Adwuma
GSAM 79.2Protestante kyerɛkyerɛfoɔ bebree pene so sɛ saa tumi yi ne Daniel ti nson mu “abɛn ketewa” no yɛ Roma asafo a na ɔwɔ ɔman tumi wɔ ne nsa mu wɔ “berɛ a wɔahyɛ” no mu. Saa berɛ a wɔahyɛ no yɛ “berɛ, mmere, ne fa.”11 Ɛyɛ nkɔmhyɛ nna 1260—mfeɛ 1260—a abɛn ketewa no de dii ɔman so tumi, fi afe 538 kosi 1798 A.D. Saa afe a etwa to no, wɔfaa abɛn ketewa no ɔman tumi firii ne nsam, wɔ “berɛ a wɔahyɛ” no mu. Enti saa bere no, na nnipa no gyaee sɛ wɔbɛhwe ase wɔ saa tumi no nsa mu sɛnea na wɔhwe ase kan no. Enti saa afe yi, 1798, hyɛ berɛ no fã a wɔfrɛ no nkɔmhyɛ yi mu “awieeɛ berɛ” no mfiaseɛ.
GSAM 79.3Afe 1798 wiee “nna apem ahanu aduosia”—mfeɛ 1260—a na Awurade “Adansefoɔ Baanu” (Apam Dedaw ne Apam Foforɔ) “bɛhyɛ nkɔm... a wɔhyɛ ayitoma.”12 Wɔ ɔtaa Tuntum Mmerɛ no mu no, wɔkoraa Kyerɛwnsɛm no wɔ Hela ne Latini kasa mu, na nnipa mpapahwekwaɔ no ante saa kasa no ase. Saa a wɔde Kyerɛwnsɛm no siee no, wɔde toto wɔn a wɔahyɛ wɔn “ayitoma” ho.
GSAM 80Wokum Adansefoɔ Baanu no
GSAM 80.1“Sɛ wɔawie wɔn adanseɛ [wɔ ayitoma tebea mu] a, aboa a ɔfiri amena a ɛnni ase no mu sɔre no bɛko atia wɔn [Satan a ɔkanyan wiase nnipa na ɔnam wɔn so yɛ adwuma], na wadi wɔn so na wakum wɔn. Na wɔn amu no bɛda kurow kɛseɛ no mmɔnten so, a wɔfrɛ no Sodom ne Misraim wɔ honhom mu, faako a wɔbɔɔ yɛn Awurade asɛnnua mu [“wɔbɔ no asɛnnua mu,” Denmark nkyerɛaseɛ ne Nkyerɛaseɛ a Wɔasiesie]. Na nnipa ne mmusua ne kasa ne aman mufoɔ bɛhu wɔn amu no nna mmiɛnsa ne fa, na wɔremma wɔn amu no nna amusiei.”13
GSAM 80Ehu Ahennie no
GSAM 80.2Wɔkum saa Adansefoɔ yi wɔ “ehu ahennie” a ɛbaa Franse, fi 1792 kosi 1795—mfeɛ mmiɛnsa ne fa. Ɛwom sɛ Franse Ɔman Anidan no kɔɔ so mfeɛ nsia anaa nson deɛ, nanso mfeɛ mmiɛnsa ne fa a edi kan no mu na wɔbɔɔ mmɔden kɛseɛ sɛ wɔbɛsɛe Bible, ɔsom, ne obiara a ɔdaree sɛ ɔbɛkasa ama emu biara. Bere a Franse Ɔman Anidan no kaa sɛ ɔreko atia ahennie ne asɔfoɔ adwuma no, nokorɛ mu no ɛbɛyɛɛ ɔko a wɔde sɛee Onyankopɔn ne Bible. Wɔ mmere a ɛbaeɛ ansa na Ɔman Anidan no reba no, yɛkenkan sɛ,
GSAM 80.2“Ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ firi da sɛ ansa na afe 1792 Ɔman Anidan no reba no, wɔkaa sɛ wɔn a wɔkanyan gyidie a enni no wɔ Franse no boaboaa £900,000 [$4,500,000] ano wɔ wɔn mu na wɔsɛee no wɔ afe baako mu, yi, mpɛn pii, wɔtɔɔ nwoma, tintim nwoma, na wɔkyekyɛɛ nwoma sɛ wɔde bɛsɛe nnipa adwene na wɔasiesie wɔn ama nneyɛeɛ a ɛyɛ hu.”14
GSAM 80Gyidie Nni Nwomakyerɛwfoɔ
GSAM 80.3“Voltaire, Mirabeau, Diderot, Helvetius, D’Alembert, Condorcet, Rousseau, ne afoforɔ a wɔte sɛ wɔn no nsɛm na wɔde siesiee kwan maa Ɔman Anidan a ɛte saa, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtrɛ nsusuiɛ a ɛsɛe ɔsom a ɛwɔ abɔdeɛ mu ne nea wɔada no adi nyinaa mu. Wɔannye nea Onyankopɔn ada no adi no nko ara, na mmom wɔtoo no koraa; wɔpamoo Ɔsoro Nyankopɔn firii amansan no mu, na wɔde honhom hunu bi a wɔbɔɔ no wɔ wɔn adwene mu, a wɔfrɛɛ no Nteaseɛ Nyamebaa, sii n’anan mu.”15
GSAM 81.1Afe 1793 mu no, nnipa no adwene te sɛɛ araa ma wɔbɔɔ nsam kɛseɛ maa agodiefoɔ wɔ abususɛm a wɔka tiaa Onyankopɔn ne Bible no ho. Yɛde nhwɛsoɔ yi ma:
GSAM 81.1“Agodini Monert, wɔ St. Roche Asafo no mu [Paris], de amumuyɛ kɔɔ ne nkɔanim koraa. Ɔkaa sɛ, ‘Onyankopɔn, sɛ wowɔ hɔ a, tua wo din a wɔapira no so ka! Meyɛ ɔsɔretia ma wo. Woka w’ano tom. Wonni akokoduru sɛ wobɛto wo aprannaa. Eyi akyi, hwan na ɔbɛgye adi sɛ wowɔ hɔ?’”16
GSAM 81Abususɛm Adwuma wɔ Lyons, Franse
GSAM 81.2Sɛnea wɔn a wɔkum Adansefoɔ no, “wɔsan bɔɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu, na wɔmaa no animtiaabuɔ” (Hebrifoɔ 6:6), bɛda adi wɔ dwumadie a Fouché yɛeɛ wɔ Lyons apontoɔ bi mu no, a na wɔredi Chalier, Lyons sohwɛfoɔ a wɔakum no, ni. Ansa na Fouché rebɛduruu Lyons no, ɔhyɛɛ sɛ
GSAM 81.2“wɔnsɛe nyamesom ahyɛnsodeɛ nyinaa; na wɔntwerɛ wɔ asɔre amusiei apono ano sɛ, Owuo yɛ daapem nnaeɛ.... Wɔde Chalier ho mfonin faa mmɔnten so, na awudifoɔ ne aguaman pii dii akyi. Wɔn akyi no, afurum bi a na ɔsoa asɛmpa no, asɛnnua no, ne ayɔnkofa nkuruwa no baeɛ; wɔtoo saa nneɛma yi guu ogya mu ntɛm ara, bere a wɔhyɛɛ afurum no ma ɔnomaa nsã a wɔahyira so firii ayɔnkofa kuruwa no mu.”17
GSAM 81.3Nteaseɛ Apontoɔ bi a wɔyɛɛ wɔ Paris ho asɛm ni:
GSAM 81.3“Wɔnantee wɔn ho wɔ ɔkyerɛ mu kɔɔ nhyiamu no ase, na dɔm no ... wɔyɛɛ nyamesom amanneɛ no ho fɛw wɔ ɔkwan a ɛyɛ serew kɛseɛ so.... Mmarima a wɔhyɛ asɔfoɔ atadeɛ ne ntadeɛ akɛseɛ baeɛ, wɔreto hallelujah na wɔde Carmagnole resaw wɔ nhyiamu no pon ano. Ɛhɔ na wɔde Awurade adidie mu paanoo a wɔahyira so no, nnaka a wɔde siee no, ne sika ne dwetɛ ahoni no too hɔ. Wɔyɛɛ kasa a wɔde di fɛw.... St. Denis ananmusifoɔ bi teɛɛ sɛ, ‘Mo a moyɛ nyamesom abodam nnwinnadeɛ, mo ahotefoɔ ahodoɔ a wɔahyira mo nyinaa, awieeɛ no monyɛ ɔmanfoɔ a wɔdɔ wɔn man, monsɔre mo nyinaa bɔ mu, na monsom ɔman no denam sɛ mobɛkɔ sika-dwumadan mu ma wɔanan mo.’”18
GSAM 82Onyankopɔn Asɛm Fi Esum Mu Ba
GSAM 82.1“Nna mmiɛnsa ne fa akyi no, nkwa honhom a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no baa wɔn mu” (Adansefoɔ no), na “wɔforo kɔɔ soro wɔ omununkum mu.”19 Onyankopɔn berɛ aduru sɛ ɔma n’Asɛm no firi sum mu ba na wɔde kyerɛ wiase. Berɛ no aduru (1798) sɛ wɔyɛ asɛmpatrɛ adwuma wɔ wiase nyinaa. Afe 1804 mu no, wɔhyehyɛɛ Britania Bible Asafo. Eyi akyi no, Bible asafo afoforɔ pii sɔree, na seesei wɔakyerɛ Bible no ase akɔ wiase kasa titire nyinaa mu. Enti Kyerɛwnsɛm no, Adansefoɔ Baanu no, a ɛbɛyɛɛ nea obiara bɛtumi ahu na ɔkenkan no, wɔde toto wɔn a wɔforo kɔ soro wɔ omununkum mu no ho.
GSAM 82.2Franse Ɔman Anidan no berɛ mu no, Voltaire kae sɛ wɔ mfeɛ ɔha mu no, Bible bɛyɛ nea ne berɛ atwam, a obiara mfa nni dwuma bio. Nanso afe a ɛtɔ so ɔha a efiri saa berɛ no mu, wɔkyekyɛɛ Bible pii wɔ Franse nkutoo sen sɛnea na wɔnim sɛ ɛwɔ hɔ bere a Voltaire kaa saa ahantan asɛm no. Na wɔka sɛ afie no ankasa a ɔkaa saa asɛm no wɔ mu no, wɔde adi dwuma seesei sɛ Bible fie.
GSAM 82Wohuu Rosetta Ɔboɔ no
GSAM 82.3Nneɛma mmienu na ɛfa afe 1798 ne Fransefoɔ ho a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow: Nea edi kan, saa afe no mu no, Franse asraafoɔ a Sahene Berthier di wɔn anim no tuu papa aban a ɛwɔ Roma guiɛ, na wɔnam saa so (a na wɔn ankasa nnim) maa nkɔmhyɛ a ɛfa saa asɛm yi ho baa mu, nkɔmhyɛ a ɛwɔ nwoma koro no ara a na wɔako atia no mu; nea ɛtɔ so mmienu, saa afe no ara mu, wɔ Fort St. Julien, wɔ Nile nsu no Rosetta nkorabata ho no, Franse asraafoɔ, bere a wɔretutu fam no, wohuu Rosetta ɔboɔ a agye din no, a wɔde akora so seesei wɔ Britania Tete Nneɛma Fie. Saa ɔboɔ yi so wɔ nsɛm a wɔakyerɛw wɔ akwan mmiɛnsa so: Hieroglyphic nkyerɛwdeɛ, a na ɛyɛ asɔfoɔ akyerɛw; demotic nkyerɛwdeɛ, a na ɛyɛ akyerɛw a nnipa mpapahwekwaɔ de di dwuma; ne Hela. Eyi ne safoa a ɛbuee demotic ne hieroglyphic nkyerɛwdeɛ a kan no na ɛyɛ ahintasɛm no. Seesei, sɛnea obi foforɔ kaeɛ no, “fatuo dadeɛ ne sofi a wɔde retu saa akyerɛw yi wɔ demotic nkyerɛwdeɛ mu no de adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ Bible tete kyerɛwtohɔ yɛ nokorɛ ba, na saa adanseɛ no dɔɔso sen nea wonya firi baabi foforɔ biara wɔ Kyerɛwnsɛm no ankasa akyi.” Enti nnipa koro no ara a na wɔpɛ sɛ wɔsɛe Bible no, wɔn ankasa annim, wɔde wɔn yɛɛ adwuma maa nkɔmhyɛ no baa mu, bere a wɔyii papa aban no tumi wɔ mfeɛ 1260 no awieeɛ, na wɔsan huu safoa a ɛbuee akyerɛw a ɛno ara di Kyerɛwnsɛm a wɔbɔɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛsɛe no no nokorɛ ho adanseɛ no.
GSAM 83“Wobɛgyina W’afa so”
GSAM 83.1Dɛn na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Daniel sɛ ɛsɛ sɛ ɛba awieeɛ berɛ mu? Fi berɛ a ɔtee ɔkronkronni no reka sɛ, “Ɛbɛyɛ nna mpem mmienu ne ahasa, na afei wɔbɛtew kronkronbea no ho,”20 efi saa berɛ no, ne tirim yɛɛ no yaw wɔ nea ɛbɛyɛ “nneɛma yi awieeɛ,” ne “bere tenten a ɛbɛyɛ” ho.21 Awieiɛ no, wɔmaa no nteaseɛ sɛ saa berɛ no ho nimdeɛ nyɛ ne da no dea. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo deɛ, kɔ w’akwan so kosi awieeɛ: na wobɛhome, na woagyina w’afa so wɔ nna no awieeɛ.”22
GSAM 83.2Ebinom asusuw sɛ saa kasa yi fa wiase no awieeɛ ankasa ho, na saa berɛ no Daniel ne Awurade nkurɔfoɔ nkaeɛ no bɛnya wɔn akatua na wɔagyina wɔn agyapadeɛ afa so. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ Hebri asɛm a ɛkyerɛ agyapadeɛ afa, ɔman anaa ɔmantam, ne nea ɛkeka ho no yɛ gheh-vel. Ɛnyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase sɛ afa wɔ Kyerɛwnsɛm yi mu no; asɛm a ɛwɔ ha no yɛ goh rahl. Hebri kasa ho animdefoɔ ka kyerɛ yɛn sɛ asɛm goh rahl yi pue mpɛn aduɔson nsia wɔ Apam Dedaw no mu, na ɛyɛ asɛm koro no ara a wɔde ka kronkronbea no ho ahoteɛ a na ɛyɛ nhwɛsoɔ no, faako a wɔbɔɔ ntontoɔ de kyerɛɛ mpapo mmienu no mu nea wɔbɛkum no. Bere a ɔsɔfoɔ panyin no faa Awurade ɔpapo no mogya kɔɔ kronkronbea hɔ sɛ ɔrekɔyɛ ahoteɛ adwuma no, Israel nyinaa gyinaa akyi, wɔde wɔn kra yɛɛ ahometew na wɔkaa wɔn bɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ kronkron na wɔanya ɔsɔfoɔ panyin no nhyira bere a ɔbɛfiri kronkronbea no aba. Enti saa da no, Israel gyinaa ne afa so.
GSAM 84.1Bere a kronkronbea no ho ahoteɛ a etwa to no bɛba, nna mpem mmienu ne ahasa no awieeɛ, na wɔde Daniel asɛm, ne awufoɔ teneneefoɔ nyinaa nsɛm, bɛba Onyankopɔn anim sɛ wɔnhwɛ mu. Enti Daniel gyina ne afa so.
GSAM 84Nsɛm no To Mu Kosi 1798
GSAM 84.2Daniel bisaa sɛ, “O me Awurade, dɛn na ɛbɛyɛ nneɛma yi awieeɛ?”23 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔato nsɛm no mu na wɔasɔ ano de akosi awieeɛ berɛ.”24 Nea ɛmaa Daniel adwene yɛɛ no adwuma kɛseɛ ne “bere bɛn?” “ɛbɛyɛ bere tenten sɛn?” ne “dɛn na ɛbɛyɛ awieeɛ?” Saa nneɛma yi na ɛmaa nkɔmhyɛni no yɛɛ ahodwiriw na ɛhaw no, na saa nneɛma yi nko ara na wɔbɛto mu na wɔasɔ ano de akosi “awieeɛ berɛ,” na ɛnyɛ Daniel nwoma no nyinaa sɛnea ebinom asusuw no. Ansa na saa berɛ a ɛyɛ 1798 no reba no, nkɔmhyɛ asuafoɔ nya hann wɔ adapɛn aduɔson no ho, na wɔtee ase sɛ ɛhyɛɛ ase wɔ B.C. 457, na Kristo ɔsom adwuma a ɔyɛe wɔ baguam, ne ne wu, ne nea ɛkeka ho, sii pɛpɛɛpɛ sɛnea wɔkan adapɛn aduosia nkron ne adapɛn aduɔson no firi saa afe no. Saa pɛpɛɛpɛyɛ a wɔmaa Agyenkwa no asɛdeɛ baa mu sɛnea wɔkan no no maa wɔn adanseɛ kɛseɛ sɛ ɔyɛ Mesia nokorɛ no, na ɛmaa adapɛn aduɔson no mfiaseɛ da no yɛɛ nea wɔrentumi nsesa no. Esiane sɛ wɔanhunu sɛ adapɛn aduɔson no yɛ nna mpem mmienu ne ahasa no fã a edi kan nti, asɛm no kɔɔ so to mu kosi 1798 akyi, sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no.
GSAM 84Safoa a Ɛma Yɛte Nna 2300 no Ase
GSAM 84.3Afei momma yɛnhwɛ nokwasɛm a ɛwɔ asɛm yi mu. Ɛbɛsii afe 1798 no, wɔn a wɔkyerɛ nkɔmhyɛ ase no nnyaa hann biara a ɛkyerɛ berɛ a nna 2300 no bɛba awieeɛ. Na wɔtumi te nsɛnkyerɛnneɛ, ohoni no ne mmoa a ɛwɔ Daniel nwoma no mu no ase, nanso na wɔntumi nkyerɛ berɛ a nna 2300 no bɛba awieeɛ, ɛfiri sɛ saa berɛ no na wɔnte berɛ a nna no hyɛɛ aseɛ ase. Sɛ adanseɛ wɔ asɛm yi ho no, yɛkenkan wɔ Ɔdasum Nteɛmu, Ɔkwanhwɛfoɔ atesɛm krataa bi a saa berɛ no na wɔtintim wɔ New York kuropɔn mu, deɛ ɛbaa afe 1842 bosome 6 da 15 mu sɛ, “Ɛyɛ anigyeɛ ampa sɛ yɛhunu sɛ, ɛfiri afe 1798 no, atwerɛfoɔ ahodoɔ a wɔn mu biara yɛɛ n’adwuma wɔ ne nko ara ahunu deɛ kan no na obiara nhunu da—sɛ nnawɔtwe 70 no yɛ safoa a ɛma yɛte nna 2300 no ase.”
GSAM 85Nnipa Bebree Rehunu Hann no
GSAM 85.1Sɛdeɛ na “wɔasɔ ano ato mu” wɔ nimdeɛ yi ho kɔsi sɛ berɛ a Awurade ahyɛ sɛ wɔmma ne nkurɔfoɔ nte aseɛ no bɛba no, saa ara nso na, sɛ “awieeɛ berɛ” no ba a, nnipa bebree bɛ“kyinkyin” Atwerɛsɛm no mu de ahwehwɛ saa nneɛma yi mu. Sɛ yɛde nkyekyɛm no nkyerɛaseɛ kakra toto ho a, saa adwene yi mu bɛda hɔ pefee.
GSAM 85.2Dr. Adam Clarke ka sɛ: “Nnipa bebree bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ ne nteaseɛ mu; na ɛnam saa kwan yi so nimdeɛ bɛdɔɔso.”
GSAM 85.3Luther German kasa mu Bible a wɔayɛ no foforɔ no mu no, yɛkenkan sɛ: “Saa na nnipa bebree bɛkenkan mu, na wɔanya nteaseɛ kɛseɛ.”
GSAM 85.4German Kasa Mu Bible a Wɔde Nkyerɛaseɛ Ahodoɔ Atoto Ho no ka sɛ: “Nnipa bebree bɛkyinkyin mu, na ɛnam so nimdeɛ bɛdɔɔso.”
GSAM 85.5L. Van Ess German kasa mu Bible no, a Paapa no nso ama Katolek akenkanfoɔ kwan sɛ wɔnkenkan no, kyerɛ aseɛ sɛ: “Nnipa bebree bɛhwehwɛ mu nyinaa, na nimdeɛ no bɛyɛ kɛseɛ.”
GSAM 85.6Swedenfoɔ kasa mu Bible no ka sɛ: “Nnipa bebree bɛhwehwɛ mu, na nimdeɛ bɛyɛ kɛseɛ.”
GSAM 85.7Denmarkfoɔ ne Norwayfoɔ kasa mu nkyerɛaseɛ a wɔayɛ no foforɔ no ka sɛ: “Nnipa bebree de ahokeka bɛhwehwɛ mu, na nimdeɛ bɛdɔɔso.”
GSAM 85.8Yɛkenkan wɔ Ɔdasum Nteɛmu a ɛbaa afe 1842 bosome 6 da 15 no mu, wɔ nimdeɛ a wɔhwehwɛɛ na wɔnyaeɛ faa deɛ na wɔasɔ ano ato mu ansa na afe 1798 reba no ho sɛ: “Ɛnyɛ anwanwasɛm sɛ atwerɛfoɔ bebree a wɔn mu biara nnim ne yɔnko ho hwee no nyinaa nyaa adwene korɔ wɔ berɛ korɔ no ara mu?”
GSAM 86.1Ɛha yi yɛde nnipa ne akuo ahodoɔ 20 din reba; wɔhunu nokorɛ a ɛfa nna 2300 no awieeɛ ho. Ɛnyɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho dii nkitaho nti na wɔhunuie, na mmom ɛfiri sɛ wɔde ahokeka hwehwɛɛ Atwerɛsɛm no mu, na Onyankopɔn Honhom dii wɔn anim. Yɛde William Miller a ɔfiri New York mantam no di din yi anim; wɔn a wɔdi n’akyi ne A. J. Krupp a ɔfiri Philadelphia, Pa.; David McGregor a ɔfiri Falmouth, Maine; Edward Irving a ɔfiri England; Archibald Mason a ɔfiri Scotland; W. E. Davis a ɔfiri South Carolina; Joseph Wolff a ɔyɛɛ adwuma wɔ Asia afã ahodoɔ; Alexander Campbell, wɔ n’akyinnyegyeɛ a ɔne Robert Owen nyaeɛ wɔ afe 1829 mu no mu; Sahene A. Landers a ɔfiri Liverpool, England; Leonard Heinrich Kelber a ɔfiri Stuttgart, Germany; Lacunza a ɔfiri Spain; Hentzepeter a ɔfiri The Hague, Holland; Dr. Capadose a ɔfiri Amsterdam, Holland; Rau a ɔfiri Bavaria; Tartary asɔfoɔ wɔ afe 1821 mu; Yemen Bible asuafoɔ wɔ wɔn nwoma a wɔfrɛ no “Seera” no mu; Hengstenberg wɔ Germany fa foforɔ bi; Russiafoɔ a wɔwɔ Caspian ɛpo no ho; Molokanfoɔ a wɔwɔ Baltic mpoano, ne afoforɔ.
GSAM 86.2Deɛ ɛdi so yi bɛkyerɛ sɛdeɛ asɛm yi mu daa hɔ maa nkɔmhyɛ asuafoɔ no mmerɛ ahodoɔ mu, ɛberɛ a na wɔn mu biara nnim ne yɔnko ho hwee:—
GSAM 86.3Saa nsɛm yi wɔ Ɔdasum Nteɛmu a ɛbaa afe 1842 bosome 6 da 15 no mu: “Seesei ara na yɛanya nwoma bi a ne din de, ‘Nsɛm Mmienu a Wɔatwerɛ Fa Daniel Nkɔmhyɛ mu Nna 2300 no Ho, ne Kristoni Asɛdeɛ sɛ Ɔhwehwɛ Asafo no Gyeɛ Ho Asɛm Mu, a Archibald Mason, asɛmpa sɔfoɔ a ɔwɔ Wishawtown, Scotland, atwerɛ. Newberg. Ward M. Gazeley na ɔtintim firii Glasgow deɛ no mu, 1820.’ Nwoma yi mu no, Mason ka sɛ, ‘Nnansa yi mahu nwomawa ketewa bi a Ɔsɔfoɔ Wm. E. Davis a ɔfiri South Carolina dii kan tintim wɔ America, na wɔsan tintim wɔ Warkington, wɔ England anafoɔ fam, afe 1818 mu. Ɔtwerɛfoɔ yi ka no pen sɛ nna 2300 no ne nnawɔtwe 70 no hyɛɛ aseɛ berɛ korɔ mu (ti 9:24). Ɛyɛ me sɛ ɛsɛ sɛ megye saa adwene yi tom.’”
GSAM 87Davis a Ɔfiri South Carolina
GSAM 87.1Ɔdasum Nteɛmu no deɛ ɛbaa saa berɛ no ara mu no, ne samufoɔ no kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ sɛ wɔtwerɛɛ Davis nwoma no bɛyɛ afe 1810.” Ɛberɛ a ɔreka nsɛm a wɔde gyinaa adwene no akyi wɔ nwoma no mu ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Nokorɛm, ɔkenkanfoɔ no bɛtumi anya adwene sɛ ɔrekenkan Miller, Litch, Stores, anaa Hale atwerɛ, nanso yɛgye di sɛ atwerɛfoɔ a wɔtwerɛ Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu ho nsɛm seesei no mu biara nnim sɛ saa nwoma yi wɔ hɔ kosii nnawɔtwe a atwam yi. Saa atesɛm krataa yi [Nteɛmu no] samufoɔ ntee ho asɛm da. Davis adwene wɔ berɛ no ho, a Mason gye toom no, ne sɛ nna 2300 no bɛba awieeɛ wɔ Yudafoɔ afe 1843 awieeɛ—yɛn afe 1844 no.”
GSAM 87Joseph Wolff ne Afoforɔ 20
GSAM 87.2Ɔdasum Nteɛmu a ɛbaa afe 1843 bosome 8 da 31 no mu no, yɛkenkan sɛ “afe 1822 mu no, Joseph Wolff (a ɔfiri England) tintim nwoma bi a ne din de ‘Ɔbɛsan Aba Bio, Onipa Ba no wɔ Ɔsoro Mununkum Mu.’” Ɛsan ka sɛ, “afe 1826 mu no, nnipa 20 a wɔfiri akuo ahodoɔ a wɔkura Kristofoɔ gyidie a wɔgye tom no mu ne Owura Wolff hyiaeɛ wɔ London sɛ wɔrebɛsua Bible no. Wɔn nyinaa nyaa adwene korɔ. Wɔde mfeɛ 45 kaa 1260 no ho.” Sɛ yɛde mfeɛ 45 ka mfeɛ 1260 a ɛbaa awieeɛ afe 1798 no ho a, ɛde yɛn bɛduru Yudafoɔ afe 1843 awieeɛ, a nokorɛm no ɛyɛ yɛn afe 1844 no.
GSAM 87Alexander Campbell Adwene
GSAM 87.3Atesɛm krataa no deɛ ɛbaa saa berɛ no ara mu no ka Alexander Campbell ho sɛ, “afe 1829 mu no, ɔne Robert Owen, nea ɔnnye Onyankopɔn nni no, nyaa n’akyinnyegyeɛ a agye din no. Ɛmu no ɔkaa no denneennen sɛ Daniel anisoadehunu no kɔduru berɛ awieeɛ, sɛ nna 2300 no yɛ mfeɛ, na ɛbɛba awieeɛ bɛyɛ mfeɛ 1847 firi Kristo awoɔ. Sɛdeɛ ɔno ankasa kyerɛeɛ no, saa awoɔ no dii mfeɛ nnan ansa na afe a wɔtaa bu no sɛ n’awoɔ afe no reba.” Enti n’akontaabuo no bɛma nna 2300 no aba awieeɛ wɔ Yudafoɔ mfeɛ 1843 a edi mu, a wɔkan firi Kristo awoɔ akyi mfeɛ no mfiaseɛ no awieeɛ—nokorɛm no, 1844.
GSAM 88.1Ɔdasum Nteɛmu a ɛbaa afe 1843 bosome 9 da 21 no mu no, asɛm bi wɔ hɔ a ɛfa nwoma bi a wɔnyaeɛ a ne din de, “Nne Bi a Ɛkasa Kyerɛ Britain ne America, De Atwerɛsɛm Kyerɛ Yɛn Awurade ne Agyenkwa no Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu Ho Asɛm, a Yɛbɔ Ho Mpaeɛ Daa sɛ, ‘W’ahennie mmra, w’apɛdeɛ nyɛ asase so sɛdeɛ ɛyɛ ɔsoro,’25 Sahene A. Landers a ɔfiri Liverpool na ɔtwerɛeɛ, na S. Kent ne N’ayɔnkofoɔ tintimii afe 1839.”
GSAM 88.2“Ɔno nso, te sɛ afoforɔ no, bu berɛ no ho akontaa, na ɔkyerɛ sɛ nna 2300 no bɛba awieeɛ mfeɛ 1847 firi berɛ a wɔwoo Kristo ankasa no.” Ɛno bɛyɛ yɛn afe 1844 no, ɛfiri sɛ wɔwoo no mfeɛ nnan ansa na afe a wɔtaa bu no sɛ n’awoɔ afe no reba.26
GSAM 88Leonard Heinrich Kelber
GSAM 88.3Nhwehwɛmu ne Ɔdawurubɔfoɔ a ɛbaa afe 1892 bosome 5 da 17 no mu no, asɛm bi wɔ hɔ a ɛfiri Ɔsɔfoɔ L. R. Conradi a ɔwɔ Hamburg, Germany hɔ, a ɔka sɛ:—
GSAM 88.4“Ebia yɛn akenkanfoɔ no mu dodoɔ no ara ate Luther asafo no sɔfoɔ panyin Bengel a wagye din no ho asɛm. Afeha a atwam no mu [sɛdeɛ Schaff ka no, Bengel wuiɛ afe 1751] no, ɔhyɛɛ afe 1836 sɛ berɛ a yɛn Awurade bɛyi ne ho adi. Ɔgyinaa nɔma 666 a ɛwɔ Adiyisɛm no so na ɛbuu n’akontaa no. Nanso aka berɛ tenten ansa na saa berɛ no reba awieeɛ no, ɔbarima foforɔ bi a ɔyɛ sukuu kyerɛkyerɛfoɔ panyin, a ne din de Leonard Heinrich Kelber, hyɛɛ aseɛ twerɛeɛ. Ne nwomawa a ɛdi kan no baeɛ afe 1824, a wɔfrɛ no ‘Awieeɛ Abɛn,’ a na Mateo 24 ne 25 nkyerɛkyerɛmu wɔ mu. Wɔtintimii wɔ Bavaria. Nanso afe 1835 mu no, nwomawa a ɛso sene ɛno, a ne din yɛ saa ara, baeɛ wɔ Stuttgart, a na ɛwɔ nkratafa 126. Yei ho bɛyɛ wɔn anigyeɛ pa ara, na sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn akenkanfoɔ no bɛte aseɛ yie no, mede din kratafa no nkyerɛaseɛ ka ho sɛ: ‘Awieeɛ no Reba, a Wɔde Onyankopɔn Asɛm ne Nsɛm a Asi Nnansa Yi So Adanseɛ a Edi Mu na Ɛma Gyidie Akyerɛ; a Ɛyi Adwene Bɔne a Wɔadi Kan Anya a Ɛtia sɛ Wɔbɛtwɛn Yɛn Awurade Mmaeɛ, anaa sɛ Wɔbɛbu Berɛ no Ho Akontaa no Nyinaa Firi Hɔ; na Ɛkyerɛ Pefee sɛdeɛ Ɔsɔfoɔ Panyin Bengel Dii Mfeɛ Nson Mfomsoɔ wɔ Afe Kɛseɛ a Ɛde Gyinaeɛ Bɛba no Ho; Ɛfiri sɛ Ɛnyɛ 1836, na Mmom Afe 1843 ne Awieeɛ Berɛ a Ɔko Kɛseɛ a Ɛda Hann ne Esum Ntam no Bɛba Awieeɛ, na Yɛn Awurade Yesu Asomdwoeɛ Ahennie a Wɔatwɛn no Kyɛ no Bɛhyɛ Aseɛ wɔ Asase So.’
GSAM 89.1“Ntintim a ɛtɔ so mmienu baeɛ afe 1841, wɔ Stuttgart nso, na sɛdeɛ menim no, foforɔ nso baeɛ wɔ Saxony. Sɛdeɛ din kratafa no kyerɛ no, berɛ a nwomawa no ayi adwene bɔne a nnipa taa nya di kan no ano no, ɛkyerɛ pefee na emu da hɔ sɛdeɛ nna 2300 a ɛwɔ Daniel 8 no ne nnawɔtwe 70 a ɛwɔ Daniel 9 no wɔ abusuabɔ, na ɛde no ba afe 1843 (Yudafoɔ 1843—yɛn deɛ 1844). Afei nwoma no fa a aka no mu no, ɔde mmerɛ no mu nsɛnkyerɛnneɛ kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ saa asɛm yi bɛn.
GSAM 89.2“Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔtintimii no mpɛn pii no nko ara bɛdi anigyeɛ a ɛde baeɛ no ho adanseɛ. Onua Schäche, a seesei ɔte Australia no, hunuu ne ho dawurubɔ bi wɔ Silesia mantam a ɛwɔ akyirikyiri mpo, na ɔsoma ma wɔde brɛɛ no akyi no, ɔtoo apono mu de anigyeɛ kɛseɛ kenkan no. Nwoma no mu no, wɔntumi nhunu biribiara a ɛkyerɛ sɛ na ɔtwerɛfoɔ no nim kuo a ɛte saa biara wɔ wiase, nanso Onyankopɔn Honhom maa no nyaa adwene korɔ no ara.
GSAM 89.3“Afe 1842 mu no, ɔtwerɛɛ nwomawa a ɛso sene ɛno mpo, a ɛwɔ nkratafa 286, wɔ Stuttgart nso. Ne din de, ‘Nsusuiɛ Titire ne Atwerɛsɛm mu Nsusuiɛ a Ɛfa Wiase Bɔ ne Berɛ a Ɛbɛtena Hɔ Ho; anaa Mmuaeɛ a Edi Mu wɔ Asɛmmisa yi Ho: Adɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Wiase wɔ Nna Nsia a Ɛdi So Mu—Yɛn Awurade Mmaeɛ a Ɛbɛn sɛ Ɔrebɛbu Kristo Tamfoɔ no Atɛn—Nsɛm Akɛseɛ a Ɛde Anigyeɛ Ba wɔ Afe 1843 Mu.’”
GSAM 89“Ben Ezra” (Lacunza)
GSAM 89.4Bɛyɛ afe 1812 mu no, Lacunza tintim nwoma bi wɔ Spain a ne din de, Mesia no Mmaeɛ wɔ Kɛseyɛ ne Animuonyam Mu. Ɔtwerɛfoɔ no faa din a ɔde siee ne din ankasa, “Ben Ezra,” na wɔsusu sɛ na ɔyɛ Yudani a wasakra abɛyɛ Kristoni. Edward Irving a ɔfiri England no, berɛ a ɔhyɛɛ n’adwuma a ɛfa Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu ho ase akyi no, ɔkyerɛɛ nwoma a yɛaka ho asɛm wɔ soro no ase kɔɔ Borɔfo kasa mu. Enti ɛkaa n’asɛm wɔ anyɛ yiye koraa no, kasa mmienu mu.
GSAM 89.5Mfeɛ pii akyi no, ɛyɛ anigyeɛ ampa sɛ yɛde adwene a asuafoɔ ahodoɔ a ɛfiri afeha a atwam no mfiaseɛ de bɛsii afe 1840 no nyaa no bɛka abom. Wɔbuu nna 2300 no berɛ ho akontaa, na wɔde nnawɔtwe 70 no sii hɔ sɛ saa berɛ no fa a ɛdi kan, na afei yɛhunu sɛ wɔn nyinaa adwene hyia sɛ saa berɛ no ba awieeɛ afe 1844 mu.
GSAM 901844 ne Nna 2300 no Awieeɛ Berɛ Ankasa
GSAM 90.1Asɛmmisa bi bɛtumi asɔre sɛ, Yɛbɛtumi anya awerɛhyɛmu sɛ 1844 ne afe ankasa a nna 2300 no ba awieeɛ? Aane! Sɛdeɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ nkɔmhyɛ mu ba a ɛnyɛ nokorɛ ntumi mma wɔ berɛ a wɔahyɛ sɛ nokorɛ deɛ no bɛba mu no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛgye tom sɛ afe 1844 ne nna 2300 no awieeɛ berɛ a ɛyɛ nokorɛ. Onyankopɔn, a ɔsɔɔ saa nimdeɛ no ano too mu kosii afe 1798, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ saa berɛ no hann no bɛhyerɛn aba no, nam ne Honhom a ɔnni mfomsoɔ no so kyerɛɛ wɔn a wɔde ahokeka hwehwɛɛ no sɛ wɔbɛte berɛ no ase yie no kwan. Na ne berɛ aduru sɛ “nimdeɛ” a ɛfa saa asɛm no ho no “bɛdɔɔso,” na ɔmaa hann a ɛyɛ nokorɛ no.
GSAM 90.2Berɛ a yɛahunu berɛ no awieeɛ, a wɔmaa nkurɔfoɔ tee aseɛ wɔ “awieeɛ berɛ” no mu no, ɛyɛ sɛ yɛbisa nea saa adehunu no kyerɛ. Yɛhunu sɛ saa berɛ no mu, berɛ a asɛmpa adwuma no reba awieeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ berɛ pɔtee a atemmuo no bɛhyɛ aseɛ ho dawuro. Yohane ka sɛ, “Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔretu fa ɔsoro mfimfini, na ɔkura daa asɛmpa sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne ɔman ne abusua ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa, na ɔde nne kɛseɛ ka sɛ, Monsuro Onyankopɔn, na momma no animuonyam; ɛfiri sɛ n’atemmuo berɛ aduru; na monsom nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsuo asutire no.”27 Abɔfoɔ ankasa nka asɛmpa no nkyerɛ nnipa. Onipa ne nea Awurade ankasa apaw no sɛ ɔnka n’asɛmpa no nkɔsi wiase awieeɛ.28 Enti saa ɔbɔfoɔ yi yɛ asɛmpa nkrasɛm bi ho sɛnkyerɛnneɛ, nkrasɛm a ɛbɔ dawuro sɛ berɛ no aduru sɛ atemmuo no bɛ“hyɛ aseɛ wɔ Onyankopɔn fie.”29 Wɔrentumi mfiri Atwerɛsɛm no mu mma nkrasɛm a ɛte saa kɔsi sɛ wɔbɛhunu berɛ a ɛde kɔ atemmuo no mu wɔ Atwerɛsɛm no mu. Sɛdeɛ yɛadi kan aka no, nna 2300 no berɛ kɔduru Onyankopɔn nkurɔfoɔ nhwehwɛmu atemmuo no so.
GSAM 91Mpata Da no Yɛ Atemmuo Berɛ
GSAM 91.1Na Yudafoɔ no te mpata da no, a ɛyɛ asase so kronkronbea ho ahoteɛ da no, ase sɛ ɛyɛ atemmuo da, na wɔda so te ase saa ara. Na seesei mpo, ɛberɛ a wɔahwete no, ɛwom sɛ wɔntumi nyɛ tete som no nyinaa a na ɛne saa da a anibereɛ wɔ mu no wɔ abusuabɔ deɛ, nanso wɔdi no sɛ atemmuo da. Sɛ adanseɛ wɔ yei ho no, yɛbɛdi kan afa asɛm afiri Yudafoɔ atesɛm krataa bi a wɔtintim wɔ San Francisco, California, a wɔfrɛ no The Jewish Exponent no mu. Ɛyɛ atesɛm krataa a ɛkasa ma Yudafoɔ a wɔdi wɔn tete gyidie akyi a wɔwɔ Rocky Bepɔw no atɔeɛ fam no. Deɛ ɛbaa afe 1892 bosome 9 no mu no, wɔbɔɔ dawuro sɛ ansa na deɛ ɛdi hɔ no bɛba no, bosome a ɛtɔ so nson ne mpata da no bɛduru. Edin a wɔde frɛ bosome a ɛtɔ so nson no ne Tishree, na deɛ ɛtɔ so nsia no deɛ ne Ellul; enti atesɛm krataa no kaa sɛ, “Ellul bosome no aduru, na wɔbɛte Shofar no kɔkɔbɔ nne [totorobɛnto a na ɛsɛ sɛ wɔhyɛn firi bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtɔ so du no, Nnwom 81:3, 4] anɔpa biara wɔ Yudafoɔ tete gyidie akyidifoɔ hyiadan mu, a ɛtu wɔn fo sɛ wɔnyɛ ahosiesie mma nkaeɛ da no ne Yom Kippur atemmuo a ɛtwa toɔ no.” Ɛberɛ a na wɔwɔ Ellul, bosome a ɛtɔ so nsia no awieeɛ, na Tishree, bosome a ɛtɔ so nson no rebɛhyɛ aseɛ no, na wɔbɛte totorobɛnto no anɔpa biara nna du. Ɛbɔɔ saa afe no atemmuo a ɛtwa toɔ no ho dawuro wɔ saa nhyehyɛeɛ a na ɛyɛ deɛ ɛbɛba no ho mfonin no mu.
GSAM 91Yudafoɔ Rabi Bi Adanseɛ
GSAM 91.2Bio nso, afe 1902 mu no, Rabi Isidore Myers a ɔhwɛ Yudafoɔ asafo kɛseɛ bi so wɔ San Francisco, Cal. no, berɛ a ɔrebɔ mpata da no ho dawuro no, ɔkaa sɛ: “Ɛberɛ a Israelni no retwam afiri afe baako mu akɔ afe foforɔ mu no, wɔkae no denneennen adebɔ no ne Ɔbɔadeɛ no tumidi a ɛwɔ amansan nyinaa so no. Na wɔfrɛ no sɛ ɔnhyɛn totorobɛnto mfa nni berɛ awoɔ ne Ɔhene kɛseɛ no ahensie afirihyia, sɛ yɛbɛka no saa a. Totorobɛnto korɔ no ara, anaa Shofar no nne no frɛ no nso sɛ ɔnsan nhwɛ n’afe a atwam no nneyɛɛ mu yie, ɛberɛ a ɔde ahopopoɔ gyina Daa Atɛntenenee, a ɔte atemmuo ahennwa so no ani a ɛhunu adeɛ nyinaa no anim.”
GSAM 92.1Sɛdeɛ na Yudafoɔ asɔrefie som no mu no, wɔte kronkronbea no ho prɛko afe biara no, ɛbɛyɛ sɛ na ada hɔ ama Daniel sɛ saa kronkronbea ho ahoteɛ a ɛbɛba nna 2300 no awieeɛ no fa biribi foforɔ ho ka afe biara som a ɛyɛ deɛ ɛbɛba no ho mfonin no ho. Na Awurade adi kan akyerɛ ne nkurɔfoɔ sɛ, sɛ wɔde nsɛnkyerɛnneɛ di dwuma wɔ nkɔmhyɛ mu a, ɛsɛ sɛ wɔkan berɛ a wɔde ama no sɛ “da biara gyina hɔ ma afe baako.”30 Enti sɛdeɛ yɛahunu no, saa nna 2300 no berɛ de yɛn ba Kristo adwuma sɛ Ɔsɔfoɔ Panyin wɔ ɔsoro kronkronbea no awieeɛ—wɔn a wɔnam bɔneka so de wɔn nsɛm aba ɔsoro kronkronbea no nhwehwɛmu atemmuo no so.
GSAM 92Atemmuo Nkrasɛm no Berɛ Duruu Afe 1844 Mu
GSAM 92.2Berɛ a wɔhunuu berɛ a wɔbɛhyɛ akronkronfoɔ no atemmuo ase no, ɛbuee kwan sɛ, wɔ Awurade nsɛm a ɛsisi ho nhyehyɛeɛ mu, sɛdeɛ wɔahyɛ no agyiraeɛ wɔ nkɔmhyɛ mu no, wɔbɛtumi de nkrasɛm no ama sɛ, “N’atemmuo berɛ aduru.” Hyɛ no nso sɛ, ɛnka sɛ ntɛm ara a wɔhunu saa berɛ no, wɔbɛbɔ nkrasɛm no ho dawuro, na mmom sɛ hann a kane no na “wɔasɔ ano ato mu” no bɛda hɔ pefee. Yɛhunu pefee sɛ yei baa mu. Ti ahodoɔ a ɛdi soɔ no mu no, ɛbɛda adi sɛ saa ara na Awurade hyɛɛ berɛ pɔtee a wɔbɛbɔ Kristo mmaeɛ ho nkrasɛm no dawuro no agyiraeɛ, na saa ara pɛpɛɛpɛ na wɔbɔɔ dawuro no kyerɛɛ wiase.
Notes
- Daniel 12:8-10. ↩
- Daniel 8:17. ↩
- Daniel 12:4. ↩
- Deuteronomium 29:29. ↩
- Nahum 3:2. ↩
- Nahum 1:5-9. ↩
- Nahum 2:3-5. ↩
- Yoel 2:1. ↩
- Sefania 2:1-3. ↩
- Daniel 11:35. ↩
- Daniel 12:7. ↩
- Adiyisɛm 11:3. ↩
- Adiyisɛm 11:7-9. ↩
- Anderson — England Bible no Abakɔsɛm, kr. 494. ↩
- Thomas Dick, Ɔman no Nkɔsoɔ ho asɛm, kr. 154. ↩
- Thier, Franse Ɔman Anidan, po 2, kr. 371. ↩
- Saa nwoma no ara, kr. 338. ↩
- Saa nwoma no ara, kr. 365. ↩
- Adiyisɛm 11:11-12. ↩
- Daniel 8:14. ↩
- Daniel 12:6-8. ↩
- Daniel 12:13. ↩
- Daniel 12:8. ↩
- Daniel 12:9. ↩
- Mateo 6:10. ↩
- Afe a wɔatwerɛ wɔ Mateo 2:1 nkyɛn. ↩
- Adiyisɛm 14:6, 7. ↩
- Mateo 28:19, 20. ↩
- 1 Petro 4:17. ↩
- Numeri 14:34; Hesekiel 4:6. ↩