Ti 13 — Onyankopɔn Akwankyerɛ Ho Nsɛnkyerɛnneɛ
GSAM 198.1“Onyankopɔn abɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ akɔfa ɔman bi afi ɔman foforɔ mfinimfini, denam sɔhwɛ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, ɔko, nsa a ɛyɛ den, basa a watene mu, ne ehu kɛseɛ so, sɛnea Awurade mo Nyankopɔn yɛɛ mo wɔ Misraim wɔ mo anim no? Wɔkyerɛɛ wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛhunu sɛ Awurade no ne Onyankopɔn; obiara nni hɔ ka ne ho.”1
GSAM 198.2Saa na Awurade yɛɛ adwuma de yii ɔman bi fii ɔman a ɛsom abosom no mfinimfini, sɛ ɔde wɔn akɔ baabi a ɔbɛtumi akasa ne mmara akyerɛ wɔn, na ɔde akyerɛw no ahyɛ aboɔ a wɔayeyɛ no so ama wɔn. Wɔanyɛ anwanwadeɛ yi sɛ ɛbɛma wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nneɛma foforɔ ani agye; mmom na ɛbɛyɛ a wobɛhunu ampa sɛ nea “ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim; ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ Ham asase so, na ɔyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Po Kɔkɔɔ no ho,”2 na ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ ogya ne wusiw a ɛfiri Sinai bepɔ a ɛredɛɛ no mfinimfini no, no yɛ Onyankopɔn teasefoɔ ne nokwafoɔ, nneɛma nyinaa Yɛfoɔ.
GSAM 198Mose Frɛ a Ɔfiri Nkyɛnkyɛn a Ɛredɛɛ no Mu
GSAM 198.3Mose ankasa anka ɔrentumi nkanyan Israelfoɔ ma wɔnnyae Misraim denam sɛ ɔbɛka akyerɛ wɔn ara sɛ, “Bere a na merehwɛ nguan wɔ sare so no, na mewɔ mo ho ayamhyehye wɔ mo nkoasom mu, na afei maba sɛ merebɛyi mo afiri Misraim, sɛnea na mepɛ sɛ meyɛ bere a mekumm Misraimni no ansa na mereguan akɔ Midian asase so no.”
GSAM 199.1Na ɛsɛ sɛ nkyɛnkyɛn a ɛredɛɛ nanso ogya no nsɛe no, ne nne a wɔtee a ɛfiri ogya no mfinimfini, ma Mose mpo gye di sɛ ɔno ne nea ɔbɛkɔ “ayi ɔman no afiri Misraim.” Saa kwan a ɛyɛ anwanwa yi so na onyaa ne hyɛdeɛ, ne frɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron; adiyie a ɛbɛtwe ne nuanom adwene ntɛm, na wasiesie wɔn adwene ama nea ɛdi akyi, na ɛnam saa so ama wɔagye Mose atom sɛ wɔn kannifoɔ wɔ Onyankopɔn ase.
GSAM 199.2Sɛ bere bi wɔ hɔ fi Agyenkwa no wusɔreɛ akyi a na nʼakyidifoɔ a wɔn werɛ ahow na wɔn anidasoɔ asɛeɛ hia sɛ ɔbɛka wɔn ho na ɔka nsɛm a ɛhyɛ wɔn nkuran kyerɛ wɔn, na ɛyɛ bere a gyidifoɔ a wɔn werɛ ahow na wɔtaa wɔn no mu binom gyinaa gyidie mu pintinn wɔ 1844 “ɔdasum nteɛmu” no akyi no. Na sɛ Onyankopɔn nam ne mmɔborɔhunu so da ne ho adi tẽẽ kyerɛ akra a wɔn werɛ ahow da bi a, ɛda adi sɛ anka ɛbɛyɛ saa bere no ne ɔman no.
GSAM 199Awurade Hyɛɛ Bɔ sɛ Ɔbɛka Ne Nkurɔfoɔ Ho
GSAM 199.3Nea wɔrentumi nkyekyere no wɔ akwan anaa adwumayɛ mu, na ɔde Honhom akyɛdeɛ ahyɛ ne asafo mu “bere a ɔforo kɔɔ soro no,”3 hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛka nʼakyidifoɔ ho wɔ asɛmpa no ka mu, “akɔsi wiase awieeɛ.”
GSAM 199.4Awurade ayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛda ne tumi ne nʼakyɛdeɛ adi akyerɛ wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa hwehwɛ no. So wanka saa bere a ɔde asɛmpa no hyɛɛ wɔn nsa sɛ, “Nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye di no akyi: Me din mu wɔbɛpam ahonhommɔne; wɔbɛkasa wɔ kasa foforɔ mu; wɔbɛfa awɔ; sɛ wɔnom adeɛ biara a ɛyɛ awuduru a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛto ayarefoɔ so na wɔasa.”?4
GSAM 199Honhom Akyɛdeɛ Wɔ Nsakraeɛ Kɛseɛ no Mu
GSAM 199.5Wɔyɛɛ Awurade tumi no ho ɔyɛkyerɛ ahodoɔ a ɛyɛ anwanwa ne nkɔmhyɛ akyɛdeɛ no adi a ɛyɛ nwonwa wɔ afeha a ɛto so dunsia mu Nsakraeɛ Kɛseɛ no bere ne bere a ɛdii akyi no. D’Aubigné ka John Huss nkɔmhyɛ ahodoɔ ho asɛm. Charles Buck, wɔ ne nwoma Religious Anecdotes (Nyamesom ho Nsɛm Tiawa) mu, ka George Wishart nkɔmhyɛ ho asɛm wɔ 1546 mu. John Wesley, wɔ ne nwoma ahodoɔ mu, ka Jonathan Pyrah nkɔmhyɛ ne sɛnea ɛbaa mu ho asɛm. Ɔsɔfoɔ J. B. Finley, wɔ ne ankasa abakɔsɛm mu, ka anisoadehunu ne ayaresa a ɛyɛ nwonwa a ɛbaa ne ankasa so wɔ 1842 ahohuru bere mu ho asɛm. Nsɛmma krataa The Christian Advocate (Metodist) tintim anisoadehunu a ɛyɛ nwonwa ne nea ɛbaeɛ wɔ akyi ho asɛm a ɛyɛ anigyeɛ, sɛnea wɔde maa Ɔdɔkota Bond a ɔwɔ saa asafo no mu wɔ ne som adwuma mu. Saa nneɛma yi yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ maa wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ hwehwɛ Awurade sɛ wansesa, na ɔda so bɛkasa akyerɛ ne nkurɔfoɔ denam nkɔmhyɛ akyɛdeɛ no so.
GSAM 200Nkaeɛfoɔ Asafo No Benya Nkɔmhyɛ Honhom
GSAM 200.1Nsɛm a emu da hɔ na ɛyɛ pɔtee wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ Awurade bɛda ne Honhom akyɛdeɛ adi wɔ ɔkwan soronko so, titiriw nkɔmhyɛ akyɛdeɛ, wɔ nnipa a wɔbɛtwɛn ne ba no mu. Asɛm a edi kan a yɛrefrɛ mo adwene aba so no wɔ Korintofoɔ krataa no mu, na ɛka sɛ: “Meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo nti, wɔ Onyankopɔn adom a wɔde ama mo wɔ Yesu Kristo mu no nti; sɛ wɔde ne so ama mo yɛɛ adeɛ nyinaa mu ahonya, wɔ kasa ne nimdeɛ nyinaa mu; sɛ Kristo ho adanseɛ no asi mo mu pintinn, enti akyɛdeɛ biara nni hɔ a ɛnni mo mu; moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo ba; ɔno nso bɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ, na wɔrennya mo ho fɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo da no.”5
GSAM 200.2Wɔ Adiyisɛm no mu yɛkenkan “nkaeɛfoɔ”—asɛmpa asafo a etwa to no ho asɛm sɛ: “Ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbaa no [asafo], na ɔkɔko tiaa ne mma nkaeɛfoɔ a wɔdi Onyankopɔn mmara nsɛm so na wɔwɔ Yesu Kristo ho adanseɛ no.”6 Yebisa sɛ, dɛn ne “Yesu ho adanseɛ” a ɛsɛ sɛ asafo a etwa to no nya, na sɛ ɛsi pi a ɛsiesie kwan ma Honhom akyɛdeɛ nyinaa ada adi? Yɛnya saa asɛmmisa yi ho mmuaeɛ wɔ ɔbɔfoɔ no adanseɛ a ɔmaa Yohane wɔ Patmo supɔ no so no mu sɛ: “Mehwee nʼanan ase sɛ merekotow asɔre no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, Hwɛ sɛ woanyɛ saa; meyɛ wo ne wo nuanom a wɔwɔ Yesu ho adanseɛ no yɔnko somfoɔ; som Onyankopɔn: ɛfiri sɛ Yesu ho adanseɛ ne nkɔmhyɛ honhom.”7
GSAM 201.1Saa nkyerɛaseɛ a ɔbɔfoɔ no de maeɛ yi kyerɛ sɛ “nkɔmhyɛ honhom” a ɛda adi wɔ asafo a ɛretwɛn Kristo no mu na ɛsiesie kwan ma akyɛdeɛ nyinaa, na wɔko tia “nkaeɛfoɔ” asafo no ɛsiane sɛ akyɛdeɛ no wɔ wɔn mu nti.
GSAM 201Paulo Adanseɛ Fa Akyɛdeɛ Ho
GSAM 201.2Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafoɔ no kyerɛ sɛ Awurade da—atemmuo a wɔde bɛyɛ adwuma no da a etwa to—bɛba nnipa dodoɔ no so “te sɛ owifoɔ a ɔba anadwo;” nanso ɛrenkɔfa Awurade mma nokwafoɔ no saa, ɛfiri sɛ wɔyɛ “hann mma ne da mma.” Wɔ ne nkuranhyɛ a ɔde maa saa nnipa a wɔrewɛn no mu, ɔka sɛ, “Monnnum Honhom no. Monmmu nkɔmhyɛ ahodoɔ animtia. Monsɔ nneɛma nyinaa nhwɛ; monkura nea ɛyɛ no mu pintinn.”8
GSAM 201.3Hela asɛmfua propheteias a wɔakyerɛ aseɛ wɔ ha sɛ nkɔmhyɛ ahodoɔ no, Greenfield ka wɔ ne Hela kasa asekyerɛ nwoma mu sɛ, “Nkɔmhyɛ akyɛdeɛ no de di dwuma, wɔ saa nkyerɛaseɛ yi mu, Tesalonikafoɔ Kan 5:20.” Parkhurst, Robinson, ne Liddell ne Scott asekyerɛ nwoma nso ka saa ara. Enti eyi yɛ adanseɛ a emu da hɔ sɛ nkɔmhyɛ akyɛdeɛ nokwafoɔ no bɛka asafo a ɛretwɛn Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ho. Nkuranhyɛ no nyɛ sɛ yɛmmu akyɛdeɛ no animtia, na mmom sɛ yɛnsɔ no nhwɛ; sɛ yehu sɛ ɛda adi wɔ ɔkwan pa so a, yɛnkura mu pintinn.9
GSAM 201Bɔhyɛ No Ba Mu
GSAM 201.4Yɛadi kan ahyɛ no nsow sɛ Awurade fii aseɛ daa nkɔmhyɛ akyɛdeɛ adi wɔ ɔbɔfoɔ a ɔdi kan ne ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no nkrasɛm no dawurubɔ bere mu. Saa akyɛdeɛ yi anya nkɔsoɔ kɛseɛ fi nna 2300 no awieeɛ. Awurade yii nʼankasa adwinnadeɛ maa saa adwuma yi, na ɔpaw obi a ɔde ne nyinaa maa no, na ɛnyɛ ɛno nko, na mmom nʼasetena nso sensɛn owuo ne nkwa ntam, “nea ɔyɛ mmerɛw koraa wɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no mu.”10 Bere no twaam no akyi asram mmienu mu no, Ɔbaabun Ellen G. Harmon a ɔfiri Portland, Maine, a na wadi bɛyɛ mfeɛ dunson pɛ no, fii aseɛ nyaa adiyie firii Awurade hɔ.
GSAM 202.1Esiane sɛ menyaa hokwan ne wɔn a na wɔte Portland bere a anisoadehunu a edi kan no baeɛ no kasaeɛ, na na me ne Awuraa Haines a Ɔbaabun Harmon nyaaeɛ ne anisoadehunu a edi kan wɔ ne fie no nso nim wɔn ho nti, mɛka nsɛm no sɛnea saa nnipa no maa me no.
GSAM 202.2Saa bere no na Ɔbaabun Harmon yareɛ denneennen. Nnawɔtwe pii mu no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkasa akyɛn gyegyeegye. Ɔdɔkota bi sii gyinaeɛ sɛ ne yareɛ no yɛ nsamanwa a nsu boaboa ano wɔ nipadua mu ka ho. Ɔkae sɛ ne ahurututu nifa no abɔ, na benkum no nso yareɛ kɛseɛ, na ne koma ayɛ no yaw. Ɔkae sɛ ɔnnwene sɛ ɔbɛtena ase akyɛn kakra bi, na obetumi awu bere biara. Na ɛyɛ den kɛseɛ ma no sɛ ɔbɛhome bere a ɔda fam. Anadwo no, na ɔhome nkutoo sɛ wɔde ntama ne nkatasoɔ ma no tena mpa no so te sɛ nea ɔte aseɛ. Ɔwa ne mogya a ɛfiri ne ahurututu mu no taa ba, na ɛmaa ne honam ahoɔden so tewee kɛseɛ.
GSAM 202Ɔbaabun Harmon Anisoadehunu a Edi Kan
GSAM 202.3Bere a onyaa nʼanisoadehunu a edi kan no, na ɔte Awuraa Haines fie. Ɛyɛ anɔpa, na na wɔreyɛ abusua som. Nnipa baanum na wɔwɔ hɔ, na wɔn nyinaa yɛ anuanom mmea wɔ gyidie mu. Afoforɔ abɔ mpaeɛ, na Ɔbaabun Harmon rebɔ mpaeɛ wɔ gyegyeegye mu, bere a Onyankopɔn tumi sianee wɔ ɔkwan a ɛyɛ anwanwa kɛseɛ so, na ɛdaa adi sɛ ɛkaa wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa. Ntɛm ara na ɔyera fii nea ɛrekɔ so wɔ ne nkyɛn nyinaa mu—na ɔwɔ anisoadehunu mu.
GSAM 202.4Nhyiamu a edi hɔ no, ɔkaa nea wɔdaa no adi kyerɛɛ no kyerɛɛ gyidifoɔ a wɔwɔ Portland no. Na wɔwɔ ahotosoɔ koraa sɛ ɛfiri Awurade hɔ. Saa bere no na nnipa bɛyɛ aduosia a wɔwɔ Portland gyee atom sɛ ɛyɛ Awurade adwuma. Na tumi bi bataa anisoadehunu no ho, ne sɛnea ɔkaa ho asɛm no nso ho, a anka ɛbɛtumi afiri Ɔsorofoɔ nko ara. Na daa ɔte nka sɛ daa daa nneɛma ho hia, na ɛte sɛ nea ehu kronkron a wɔrentumi nka no ahyɛ no ma, sɛ ɔba a ɔyɛ kumaa na ɔyɛ mmerɛw saa no na wɔpaw no sɛ adwinnadeɛ a Awurade nam so bɛma ne nkurɔfoɔ hann. Ɔkaa sɛ bere a ɔwɔ anisoadehunu mu no, ɛte sɛ nea abɔfoɔ a wɔn hann hyerɛn atwa ne ho ahyia wɔ soro a animuonyam ahyɛ hɔ, baabi a anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa wɔ, na na ɛyɛ nsakraeɛ awerɛhow sɛ wɔnyane no nkɔ saa ɔwuo asetena yi mu nokorɛ a ɛnhyɛ abodwoɔ no mu.
GSAM 203Anisoadehunu a Edi Kan no Mu Nsɛm Tiawa
GSAM 203.1Anisoadehunu a edi kan no ho nsɛm tiawa a ɛdi so yi, sɛnea ɔkaa no kyerɛɛ gyidifoɔ a wɔwɔ Portland no, bɛma yɛanya adwene bi afa wɔn nyinaa su ho:—
GSAM 203.2“Bere a merebɔ mpaeɛ no, Onyankopɔn tumi baa me so sɛnea minnyaa atenkae bi da. Hann twaa me ho hyiaeɛ, na na mereforo kɔ soro kɔ soro afiri asase so. Meyɛɛ mʼani kyerɛɛ sɛ merehwehwɛ Kristo mmaeɛ ho nnipa wɔ wiase, nanso mantumi anhu wɔn, na ɛno na nne bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ bio, na hwɛ soro kakra.’ Ɛno nti me maa mʼani so, na mihuu kwan a ɛtene na ɛyɛ teateaa a wɔapagyaa no kɔ soro wɔ wiase atifi. Saa kwan yi so na Kristo mmaeɛ ho nnipa nam rekɔ kurow no mu, na na kurow no wɔ kwan no awieeɛ. Na wɔde hann a ɛhyerɛn asi wɔn akyi wɔ kwan no mfiaseɛ, na ɔbɔfoɔ bi ka kyerɛɛ me sɛ ɛno ne ‘ɔdasum nteɛmu.’ Saa hann no hyerɛn wɔ kwan no nyinaa so, na ɛmaa wɔn nan hann sɛnea wɔrenhwee ase. Na sɛ wɔkɔ so de wɔn ani si Yesu a na ɔdi wɔn anim, na ɔrekyerɛ wɔn kwan akɔ kurow no mu no so a, na wɔwɔ ahobammɔ. Nanso ankyɛ na ebinom yɛɛ mmerɛw; wɔkae sɛ kurow no wɔ akyirikyiri kɛseɛ, na na wɔhwɛ kwan sɛ anka wɔadu mu dada. Afei Yesu bɛhyɛ wɔn nkuran denam ne nsa nifa a animuonyam ahyɛ no a ɔpagyaeɛ no so; na hann a ɛhyerɛn firi ne nsa mu baa, na ɛhinhimii wɔ Kristo mmaeɛ ho nnipa no so, na wɔteɛteɛm sɛ, Hallelujah! Afoforɔ de ahopere poo hann a ɛwɔ wɔn akyi no, na wɔkae sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde wɔn dii anim kɔɔ akyirikyiri saa. Hann a ɛwɔ wɔn akyi no dumeeɛ, na ɛmaa wɔn nan yɛɛ sum koraa, na wɔhwee ase, na wɔn ani fii agyiraeɛ no so, na wɔanhunu Yesu bio, na wɔhwee fii kwan no so kɔɔ sum ne amumuyɛ wiase a ɛwɔ ase no mu. Ankyɛ na yɛtee Onyankopɔn nne te sɛ nsuo pii a ɛrebu, na ɛmaa yɛn da ne dɔnhwereɛ a Yesu bɛba no. Ahotefoɔ a wɔte ase no tee nne no, na wɔtee aseɛ, nanso amumuyɛfoɔ no susuwii sɛ ɛyɛ aprannaa ne asasewosoɔ. Bere a Onyankopɔn kaa bere no, ɔhwiee Honhom Kronkron no guu yɛn so, na yɛn anim fii aseɛ hyerɛn na ɛhyerɛn wɔ Onyankopɔn animuonyam mu, sɛnea Mose anim yɛɛ bere a ɔsian fii Sinai Bepɔ so no.”11
GSAM 204Awuraa White Tebea Bere a Ɔwɔ Anisoadehunu Mu Ho Nkyerɛkyerɛmu
GSAM 204.1Ansa na yɛbɛtoa saa ɔkwan a ɛyɛ anwanwa a Onyankopɔn Honhom nam so daa ne ho adi no ho asɛm a ɛkanyan adwene no so no, mɛka nsɛm bi afa anisoadehunu ahodoɔ no ho. Bere a edi kan a mihuu Awuraa E. G. White (a na wɔfrɛ no Ɔbaabun Harmon kan no) yɛ Ɔkɔtɔberɛ, 1852. Saa da no mihuu no wɔ anisoadehunu mu a ɛkɔɔ so boro dɔnhwereɛ baako. Efi saa bere no, manya hokwan ahu no wɔ anisoadehunu mu bɛyɛ mpɛn aduonum. Mewɔ hɔ bere a adɔkota ahwehwɛɛ no wɔ saa tebea yi mu, na mebu no sɛ ɛyɛ anigyeɛ sɛ mɛdi nea mahunu na menim no ho adanseɛ. Mewɔ anidasoɔ sɛ obi remfa nsɛm a ɛfa asɛm yi ho no nto nkyɛn kwa, mfa wɔn a wɔnhuu no wɔ saa tebea yi mu da no nsusuiɛ hunu nsi ananmu.
GSAM 204.2Bere a ɔrekɔ anisoadehunu mu no, ɔteɛteɛm “Animuonyam!” mprɛnsa wɔ anigyeɛ kɛseɛ mu, na ɛnne no gyegye na ɛsan gyegye; nea ɛtɔ so mmienu, ne titiriw nea ɛtɔ so mmiɛnsa no, yɛ mmerɛw sen nea edi kan, nanso ɛkanyan adwene kɛseɛ, na ɛnne no te sɛ obi a ɔwɔ akyirikyiri na ɛrebɛn sɛ ɔbɛyera wɔ aso mu. Bɛyɛ sɛkɛnd anan anaa anum no, ɛte sɛ nea ɔhwee fam sɛ obi a wanya yareɛ anaa nea nʼahoɔden asa; ɛno akyi ɛte sɛ nea ahoɔden a ɛboro nnipa de hyɛɛ no ma ntɛm ara, na ɛtɔ da a ɔsɔre gyina ne nan so ntɛm ara na ɔnantew wɔ dan no mu. Ne nsa ne ne basa taa keka, na ɔde kyerɛ nifa anaa benkum bere a ne ti dan. Wɔyɛ saa nneɛma yi nyinaa wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ kɛseɛ so. Sɛnea wɔde ne nsa anaa ne basa si no biara, obiara ntumi nkeka no. Nʼani da hɔ daa, nanso ɔmmɔ nʼani; ɔma ne ti so na ɔhwɛ soro, ɛnyɛ sɛ ɔhwɛ kwa, na mmom nʼanim yɛ anigyeɛ, na ɛsono ne hwɛ ara ne sɛ ɔhwɛ adeɛ bi a ɛwɔ akyirikyiri denneennen. Ɔnhome, nanso ne mogya bɔ daa. Nʼanim yɛ anigyeɛ, na ne honam kɔla yɛ kɔkɔɔ te sɛnea ɛte wɔ ne tebea a ɛyɛ ara ne ara mu.
GSAM 205Sɛ wɔde toto Daniel deɛ ho a
GSAM 205.1Ne tebea wɔ ahome, ahoɔden a ɛyera, ne sɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka no a, ɔnya ahoɔden bio, no nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ ne nea odiyifoɔ Daniel kaa n’ankasa osuahunu wɔ anisoadehunu mu no ho, bere a ɔkaa sɛ: “Enti mekaa nkutoo, na mihuu anisoadehunu kɛseɛ yi, na ahoɔden biara anka me mu; ɛfiri sɛ me ahoɔfɛ dan baa porɔeɛ mu, na mannya ahoɔden biara.” “Na ɔkwan bɛn so na saa me wura yi akoa betumi ne me wura yi akasa? Na me fam deɛ, amonom hɔ ara ahoɔden biara anka me mu, na ahome nso nka me mu. Afei obi a ɔte sɛ onipa ho yɛbea baa bio, na ɔkaa me, na ɔmaa me ahoɔden, na ɔkaa sɛ, O ɔbarima a wɔdɔ no kɛseɛ, nsuro; asomdwoeɛ nka wo; yɛ den, yiw, yɛ den. Na ɔkasa kyerɛɛ me wieeɛ no, me nyaeɛ ahoɔden, na mekaa sɛ, Ma me Wura nkasa; ɛfiri sɛ woama me ahoɔden.”12
GSAM 205ANIHWƐFOƆ ADANSEƐ
GSAM 205M. G. Kellogg, M.D.
GSAM 205.2Awuraa White tebea wɔ anisoadehunu mu ho no, ɛsɛ sɛ yɛka anihwɛfoɔ bi adanseɛ kakra. Nea ɛdi kan no firi M. G. Kellogg, M.D., a ɔreka anisoadehunu a edi kan a wɔmaa no wɔ Michigan, Kɔtɔnimma 29, 1853, wɔ nhyiamu bi a wɔyɛɛ no Tyrone, Livingston Mantam, ho asɛm. Ɔkaa sɛ—
GSAM 206.1“Onuawa White wɔ anisoadehunu mu bɛyɛɛ simma aduonu anaa dɔnhwereɛ fã. Bere a ɔkɔɔ anisoadehunu mu no, obiara a ɔwɔ hɔ no te sɛ ɔtee Onyankopɔn tumi ne ne mmaeɛ; na yɛn mu bi nso tee Onyankopɔn Honhom no sɛ ɔda yɛn so dennen. Ná yɛwɔ mpaebɔ ne nnipa nhyiamu mu Homeda anɔpa bɛyɛ nnɔnankron. Onua White, m’agya, ne Onuawa White abɔ mpaeɛ, na na merebɔ mpaeɛ saa bere no. Ná nkateɛ a ano yɛ den anaa nkateɛ ho ahoyɛkyerɛ biara nni hɔ. Nanso yɛsrɛɛ Onyankopɔn denneennen sɛ ɔmma ne mmaeɛ nhyiamu no mu, na ɔnhyira adwuma a ɛrekɔ so wɔ Michigan no. Bere a Onuawa White maa saa nkonimdie nteɛm a ɛyɛ ‘Anuonyam! a-n-u-o-n-y-a-m! a-n-u-o-n-y-a-m!’ a moate sɛ ɔtaa yɛ bere a ɔrekɔ anisoadehunu mu no, Onua White sɔre gyinaa hɔ na ɔka kyerɛɛ atiefoɔ no sɛ ne yere wɔ anisoadehunu mu. Ɔkaa sɛnea n’anisoadehunu ahodoɔ yɛ, ne sɛ ɔnhome bere a ɔwɔ anisoadehunu mu no, na ɔtoo nsa frɛɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔba anim bɛhwɛ no. Ɔdɔkta Drummond, oduruyɛfoɔ a na ɔyɛ Ɔkwanhwɛfoɔ a ɔka asɛm wɔ nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no nso, na na waka, ansa na ɔrehu no wɔ anisoadehunu mu no, sɛ n’anisoadehunu ahodoɔ firi adwene so tumi mu, na ɔno ankasa betumi ama wanya anisoadehunu, baa anim. Ɔhwehwɛɛ no mu yie wieeɛ no, n'anim sesaa yɛɛ fitaa koraa, na ɔkaa sɛ, ‘Ɔnhome!’”
GSAM 206.2“Me nim pefee sɛ saa bere no, bere a ɔwɔ anisoadehunu mu no, ɔnhomee, na saa ara na ɛyɛɛ wɔ anisoadehunu ahodoɔ foforɔ bi a ɔnyaeɛ bere a na mewɔ hɔ no. Sɛ ɔfiri anisoadehunu mu no, na ɛda adi sɛnea ɔkɔ mu no. Adeɛ a edi kan a yɛhuu sɛ anisoadehunu no aba awieeɛ ne sɛ ɔhyɛɛ aseɛ ahome bio. Ɔhomee mprɛ a edi kan no mu denden, tenten, na emu yɛɛ ma, na ɛkyerɛe sɛ na mframa biara nni n'ahrawa mu koraa. Ɔhomee mprɛ a edi kan no wieeɛ no, simma pii twaam ansa na ɔhomee mprɛ mmienu no, na ɛno maa n’ahrawa no hyɛɛ mframa sɛnea edi kan no yɛeɛ no ara; afei ɔtwɛnee simma mmienu, na ɔhomee mprɛ mmiɛnsa, na ɛno akyi no, n’ahome yɛɛ sɛnea ɛte daa.” Wɔde nsa hyɛɛ ase, “M. G. Kellogg, M.D., Battle Creek, Michigan, Ɔpɛnimma 28, 1890.”
GSAM 207F. C. Castle
GSAM 207.1Yɛde adanseɛ a ɛfiri obi a ɔhwɛɛ Awuraa White ho duruyɛ nhwehwɛmu bere a na ɔwɔ anisoadehunu mu wɔ Stowe, Vermont, ahohuru bere mu wɔ afe 1853 no rema. Ɔkaa sɛ—
GSAM 207.2“Oduruyɛfoɔ bi wɔ hɔ, na ɔhwehwɛɛ no mu sɛnea ne nyansa ne ne nimdeɛ kyerɛe no, sɛ ɔbɛhu nea ɛmaa saa adeɛ no siiɛ. Wɔde kyɛnere a wɔsɔ retwe bɛn n’ani a na abue kɛseɛ no; n'ani mu ntini biara anwosow koraa. Afei ɔhwɛɛ ne ntini bɔ ne n'ahome nso, na na ahome biara nni hɔ. Ne nhwehwɛmu no maa no gye dii sɛ wɔrentumi mfa abɔdeɛ mu anaa nyansahu mu nnyinasosɛm nkyerɛ saa tebea yi.” Wɔde nsa hyɛɛ ase, “F. C. Castle.”
GSAM 207D. H. Lamson
GSAM 207.3Adanseɛ a edidi soɔ yi fa nhwehwɛmu a wɔyɛɛ bere a na Awuraa White wɔ anisoadehunu mu wɔ nhyiamu bi a wɔyɛɛ wɔ Ɔpanin James White fie, Monroe Abɔnten, Rochester, N.Y., Ayɛwohomumɔ 26, 1854, ho—
GSAM 207.4“Saa bere no na madi mfeɛ dunson. Ɛte sɛ nea metumi ate saa nkonimdie nteɛm a ɛyɛ ‘A-n-u-o-n-y-a-m!’ a ɔbɔeɛ no wɔ me aso mu mpo seesei. Afei ɔsiane kɔɔ fam, na wanhwe aseɛ, na mmom ɔsianeɛ brɛoo, na ɔhwɛfoɔ bi gyee no too ne nsam. Oduruyɛfoɔ mmienu baa mu, ɔpanin bi ne aberanteɛ bi. Onua White pɛɛ sɛ wɔhwehwɛ Onuawa White mu yie, na wɔyɛeɛ. Wɔde ahwehwɛ baeɛ, na wɔn mu baako kuraa no wɔ n’ano so bere a ɔrekasa; nanso ankyɛ koraa na wɔgyaee, na wɔkaa sɛ, ‘Ɔnhome.’ Afei wɔhwehwɛɛ ne nkyɛn mu yie bere a ɔrekasa, sɛ wɔbɛhu sɛ ɔhome denneennen anaa, nanso wɔannya hwee. Bere a wɔwiee saa ɔfa no, ɔsɔre gyinaa ne nan so, na na ɔwɔ anisoadehunu mu ara, kuraa Kyerɛwsɛm no so kɔɔ soro, na ɔdan fii asɛm baako so kɔɔ foforɔ so, na ɔfaa no pɛpɛɛpɛ, ɛwom sɛ n’ani hwɛɛ soro na ɛman fii nwoma no ho.”
GSAM 208.1“Ɔnyaa anisoadehunu faa ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ho. Afei ɔhuu ahotefoɔ nkonimdie, na ɛte sɛ nea metumi ate ne nkonimdie nteɛm no wɔ me mu seesei mpo. Saa nokwasɛm yi ho na mede me pɛ mu di adanseɛ.” Wɔde nsa hyɛɛ ase, “Ɔpanin D. H. Lamson, Hillsdale, Michigan, Ɔgyefuo 8, 1893.”
GSAM 208Awuraa Drusilla Lamson
GSAM 208.2Adanseɛ foforɔ a ɛfa saa duruyɛ nhwehwɛmu no ara ho firi Awuraa Drusilla Lamson, Ɔpanin Lamson abusua mu nua bi kunafoɔ, ne Clifton Springs, N.Y., Ayaresabea sohwɛfoɔ. Ɔkaa nhyiamu a wɔyɛɛ no Ayɛwohomumɔ 26, 1854 ho sɛ—
GSAM 208.3“Mekaakae nhyiamu a wɔyɛɛ sɔhwɛ no, kyerɛ sɛ, sɛ wɔbɛsɔ nea Onua White aka mpɛn pii, sɛ Onuawa White nhome bere a ɔwɔ anisoadehunu mu no, ahwɛ; nanso mentumi nka oduruyɛfoɔ a na ɔwɔ hɔ no din. Ɛsɛ sɛ na ɔyɛ Ɔdɔkta Fleming, ɛfiri sɛ na wɔfrɛ no mpɛn bi sɛ ɔmma afotu. Nanso seesei wawu. Metumi aka saa nko ara sɛ, wɔyɛɛ sɔhwɛ no, na wɔanhu ahome ho sɛnkyerɛnne biara wɔ ahwehwɛ no so.” Wɔde nsa hyɛɛ ase, “Drusilla Lamson, Clifton Springs, N.Y., Ɔbɛnem 9, 1893.”
GSAM 208.4Adanseɛ foforɔ nso firi obi a na ɔwɔ saa bere a yɛaka ho asɛm no mu—
GSAM 208David Seeley
GSAM 208.5“Yei yɛ adanseɛ sɛ, mekenkan David Lamson ne Awuraa Drusilla Lamson adanseɛ a ɛwɔ atifi no, a ɛfa oduruyɛfoɔ asɛm ho bere a ɔrehwɛ Awuraa E. G. White mu bere a na ɔwɔ anisoadehunu mu, Ayɛwohomumɔ 26, 1854. Na mewɔ saa nhyiamu no ase, na mihuu nhwehwɛmu no. Nea Onua ne Ɔnuawa Lamson aka no, mepene so, na mede ka ho sɛ na ɛyɛ Ɔdɔkta Fleming ne oduruyɛfoɔ kumaa bi na wɔyɛɛ nhwehwɛmu no. Bere a Awuraa White sɔre gyinaa ne nan so, sɛnea wɔaka no, na ɔreka Kyerɛwsɛm mu nsɛm no, Ɔdɔkta Fleming frɛɛ kyɛnere a wɔsɔ. Ɔde kyɛnere no bɛnee n’ano sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenhyew no, na ɛwɔ kwan koro a n’ahome bɛfa so sɛ ɔhome a. Ogya no annye hwee, na ɛnyɛ mpo sɛ ɛyɛɛ wosow kakra. Afei oduruyɛfoɔ no kaa no denneennen sɛ, ‘Yei asi no daa, ahome biara nni ne nipadua mu.’” Wɔde nsa hyɛɛ ase, “David Seeley, Fayette, Iowa, Ɔsannaa 20, 1897.”
GSAM 209Owura ne Awuraa A. F. Fowler
GSAM 209.1Asɛm a edidi soɔ yi fa nhwehwɛmu a wɔyɛɛ bere a na Awuraa White wɔ anisoadehunu mu wɔ Waldron Asa, Hillsdale, Michigan, wɔ Ɔgyefuo 1857 mu ho. Ɔdɔkta Lord, Hillsdale oduruyɛfoɔ a ɔyɛɛ adwuma mfeɛ aduonum, yɛɛ nhwehwɛmu a emu yɛ den paa, na mede adanseɛ a edidi soɔ yi rema:
GSAM 209.2“Na yɛwɔ hɔ bere a (wɔ Ɔgyefuo 1857 mu) Onuawa E. G. White nyaa anisoadehunu wɔ Waldron Asa, Hillsdale. Ɔdɔkta Lord yɛɛ nhwehwɛmu, na ɔkaa sɛ, ‘Ne koma bɔ, nanso ahome biara nni hɔ. Nkwa wɔ hɔ, nanso ahrawa no nyɛ adwuma; mentumi nkyerɛ saa tebea yi ase.’” Wɔde nsa hyɛɛ ase, “A. F. Fowler, Awuraa A. F. Fowler, Hillsdale, Michigan, Ɔpɛpɔn 1, 1891.”
GSAM 209C. S. Glover
GSAM 209.3Yei ne asɛm foforɔ a ɛfa saa anisoadehunu no ara ho—
GSAM 209.4“Na mewɔ hɔ bere a Onuawa White nyaa anisoadehunu a yɛaka ho asɛm wɔ Waldron Asa, Hillsdale. Nea wɔaka no akyi no, metee sɛ oduruyɛfoɔ no kaa sɛ Onuawa White tebea wɔ anisoadehunu mu no ‘boro ne nimdeɛ so.’ Ɔsan kaa sɛ, ‘Biribi a ɛboro abɔdeɛ so wɔ saa mu.’” Wɔde nsa hyɛɛ ase, “C. S. Glover, Battle Creek, Michigan, Ɔpɛpɔn 19, 1891.”
GSAM 209Owura ne Awuraa Carpenter
GSAM 209.5Yei ne asɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ saa asɛm no ara ho—
GSAM 209.6“Yei yɛ adanseɛ sɛ na yɛwɔ Waldron Asa, Hillsdale, Michigan, wɔ Ɔgyefuo 1857 mu, bere a Awuraa E. G. White nyaa anisoadehunu, na bere a na ɔwɔ saa tebea no mu no, Ɔdɔkta Lord hwehwɛɛ no mu, na yɛtee ne baguam asɛm a ɛfa asɛm no ho, sɛnea Onua ne Ɔnuawa Fowler aka no wɔ atifi hɔ.” Wɔde nsa hyɛɛ ase, “W. R. Carpenter, Eliza Carpenter, Noblesville, Indiana, Ɔsannaa 30, 1891.”
GSAM 210D. T. Bourdeau
GSAM 210.1Afei wɔfrɛ mo adwene kɔ sɔhwɛ bi a wɔyɛɛ bere a na Awuraa White wɔ anisoadehunu mu wɔ Buck’s Bridge, St. Lawrence Mantam, N.Y., no so—
GSAM 210.2“Ayɛwohomumɔ 28, 1857, mihuu Onuawa Ellen G. White wɔ anisoadehunu mu nea edi kan. Ná minni gyidie wɔ anisoadehunu ahodoɔ no mu; nanso adeɛ baako wɔ nneɛma foforɔ a metumi aka ho no mu maa me gye dii sɛ ne anisoadehunu ahodoɔ no firi Onyankopɔn. Sɛ mɛhu sɛ ɔhome anaa ɔnhome no, mede me nsa too ne koko so kyɛɛ sɛnea ɛbɛyɛ a mɛhu sɛ n’ahrawa no nyɛ wosow kɛseɛ sene sɛ anka ɔyɛ funu. Afei mede me nsa too n’ano, miaa ne hwene ntokuro no wɔ me kokurobeti ne me nsateaa ntam, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentumi mpue anaa ɔrentumi mfa mframa nkɔ mu, sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa mpo a. Mede me nsa kuraa no saa bɛyɛ simma du, bere a anka sɛnea ɛte daa no, ahome a onnya no bɛkum no; nanso sɔhwɛ no anyɛ no hwee koraa. Efi bere a mihuu saa anwanwadeɛ kɛseɛ yi, mennyaa adwene sɛ mɛgye akyinnyeɛ sɛ ne anisoadehunu ahodoɔ no firi Onyankopɔn bio da.” Wɔde nsa hyɛɛ ase, “D. T. Bourdeau, Battle Creek, Michigan, Ɔgyefuo 4, 1891.”
GSAM 210Oduruyɛfoɔ a Ɔyɛ Samanfrɛfoɔ Sɔɔ Anisoadehunu no Hwɛ
GSAM 210.3Mɛka duruyɛ nhwehwɛmu foforɔ bi a mihuu wɔ Parkville, St. Joseph Mantam, Michigan, Ɔpɛpɔn 12, 1861, ho asɛm.
GSAM 210.4Bere a Awuraa White wiee afotuo a ɔde maa nnipa pii a wɔahyiam wɔ Ɔkwanhwɛfoɔ nhyiamu fie no, Onyankopɔn nhyira baa ne so wɔ ɔkwan soronko so, na ɔtenaa ne nkongua so na wɔfaa no kɔɔ anisoadehunu mu. Ɔdɔkta Brown bi wɔ hɔ, ɔbarima a ne nipadua mu yɛ den na ne ho yɛ den, na ɔyɛ samanfrɛfoɔ. Ná waka sɛ ne anisoadehunu ahodoɔ no te sɛ samanfrɛ, na sɛ ɔnya baako bere a ɔwɔ hɔ a, ɔbɛtumi ayi no mu wɔ simma baako mu. Wɔtoo nsa frɛɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔba anim abɛhwehwɛ no, na ɔde saa sɔhwɛ no ahwɛ ne tebea wɔ anisoadehunu mu. Oduruyɛfoɔ no baeɛ, nanso ansa na ɔrewie ne nhwehwɛmu no fã mpo no, n'anim yɛɛ fitaa sɛ funu, na ɔwosow sɛ asɛsɛdua ahaban. Ɔpanin White bisaeɛ sɛ, “Oduruyɛfoɔ, wobɛka ne tebea ho asɛm?” Ɔbuaa sɛ, “Ɔnhome,” na ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔpono no ho. Wɔn a wɔwɔ ɔpono no ho a na wɔate nehoahoa no kaa sɛ, “San bra, na yɛ nea wokaa sɛ wobɛyɛ no; yi saa ɔbaa no firi anisoadehunu no mu.” Ɔhaw kɛseɛ mu no, ɔkuraa ɔpono no nsa, nanso wɔamma no kwan sɛ ɔbɛbue kɔpem sɛ wɔn a wɔbɛn ɔpono no bisaeɛ sɛ, “Oduruyɛfoɔ, ɛyɛ dɛn?” Ɔbuaa sɛ, “Onyankopɔn nko ara na ɔnim; ma menfiri fie yi mu,” na ɔfirii hɔ kɔeɛ.
GSAM 211.1Ɛda adi pefee sɛ honhom a na ɛhyɛ no so sɛ ɔyɛ samanfrɛfoɔ no, na honhom no nso annya ahomegyeɛ wɔ tumi a na ɛhwɛ Awuraa White so wɔ anisoadehunu mu no anim, sɛnea nnipa a ahonhommɔne wɔ wɔn so no nso yɛɛ wɔ Agyenkwa no nna mu, bere a wɔbisaa sɛ, “Wobaa ha sɛ wobɛha yɛn ansa na bere no aba anaa?”13
GSAM 211.2Saa tebea yi te sɛ nea wɔakyerɛw wɔ odiyifoɔ Daniel osuahunu mu no. Bere a Awurade Honhom maa ɔkɔɔ anisoadehunu mu no, Kaldeafoɔ a na wɔwɔ hɔ—amanamanmufoɔ a na wonnim saa Honhom no—suro kɛseɛ, na wɔ “dwane kɔhintaw wɔn ho.”14
GSAM 211Wɔka Kyerɛɛ Awuraa Harmon sɛ Ɔnka N’anisoadehunu Ahodoɔ ho Asɛm
GSAM 211.3Bɛyɛ dapɛn baako akyi wɔ n’anisoadehunu a edi kan no, wɔ nhyiamu bi a wɔyɛɛ wɔ n’agya fie no, Awuraa Harmon nyaa anisoadehunu a ɛtɔ so mmienu a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma afoforɔ nhu nea wɔakyerɛ no. Ná ne ho yeraw no paa sɛ ɔbɛhu sɛnea ɔbɛyɛ Awurade ahyɛdeɛ no. Ná n’akwahosan yɛ mmɔbɔ sɛ na ɔrehu amane wɔ nipadua mu, na sɛnea ɛte no, na aka berɛ tiaa bi na wawu. Ná wadi mfeɛ dunson pɛ, na ɔyɛ ketewa na ne nipadua mu yɛ mmerɛ, na na ɔnhyɛɛ nnipa fekuo ase, na sɛnea ne suban te no, na ɔyɛ ɔfɛrefoɔ a ɔtaa twe ne ho firi nnipa ho araa ma na ɛyɛ no yaw sɛ ɔhyia ahɔhoɔ. Ɔbɔɔ mpaeɛ denneennen nna pii, na ɔkɔɔ so ara kɔpem anadwo paa, sɛ wɔmfa saa adesoa yi mfiri ne so na wɔmfa mma obi foforɔ a ɔfata sɛ ɔsoa. Nanso asɛdeɛ hann no ansesa da, na ɔbɔfoɔ no nsɛm kɔɔ so yɛɛ dede wɔ ne mu sɛ, “Ma afoforɔ nhu nea mayi akyerɛ wo.”
GSAM 212.1Bere a na Awuraa Harmon adwene ayɛ no basaa saa no, ɔkɔɔ nhyiamu foforɔ bi a wɔyɛɛ wɔ n’agya fie. Wɔnhyiamu no mu no, wɔn a na wɔahyiam no nyinaa boom bɔɔ mpaeɛ denneennen maa no, na ɔsan yii ne ho sii Awurade so, na ɔtee nka sɛ ɔpɛ sɛ wɔde no yɛ adwuma ma ne anuonyam. Bere a ɔrebɔ mpaeɛ no, sum kabii a na akata ne so no petee; na sɛnea ɔkaa akyiri yi no, hann a ɛhyerɛn te sɛ gyabɔɔl bi baa ne nkyɛn, na bere a ɛbaa ne so no, ne ahoɔden firii ne mu, na ɛte sɛ nea ɔwɔ Yesu ne abɔfoɔ no anim. Wɔsan kaa bio sɛ, “Ma afoforɔ nhu nea mayi akyerɛ wo.” Ɔkaa sɛ ɔsrɛɛ denneennen sɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔka nea Awurade akyerɛ no no a, ɔmma no so mma no ahomasoɔ. Afei ɔbɔfoɔ bi ka kyerɛɛ no sɛ wɔagye ne mpaebɔ no so, na sɛ ahomasoɔ hunu no a, ɔbɛma ɔyare no. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wokɔ so de nkrasɛm no kɔ nokorɛ mu, na wogyina ano kɔpem awieeɛ a, wobɛdi nkwa dua no aba, na woanom nkwa nsuo asubɔnten no nsuo.”
GSAM 212Awuraa Harmon Kɔɔ Poland, Maine
GSAM 212.2Wɔakyerɛ Awuraa Harmon sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ Poland, Maine, na ɔka n’anisoadehunu no ho asɛm. Saa anisoadehunu a ɛtɔ so mmiɛnsa no akyi da no, ne nuabaa kunu baa n’agya fie pono ano mpofirim, na ɔkaa sɛ ɔde no bɛkɔ Poland. Bere a ɔwɔ hɔ no, ɔyɛɛ nhyiamu bi a ɔkaa anisoadehunu no ho asɛm. Hazen Foss,15 a na n’abam abu no, wɔantumi anka no mma ɔnkɔ nhyiamu no ase, nanso ɔde n’aso bɛn ɔpono no akyi, na ɔtee sɛ ɔreka n’anisoadehunu no, na ɔkaa sɛ, “Anisoadehunu a waka ho asɛm no ne nea wɔkyerɛɛ me no bɔ abira kakraa bi koraa, sɛnea nnipa mmienu betumi aka adeɛ koro ho asɛm.” Adekyeeɛ no, ɔhyiaa Awuraa Harmon mpofirim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ “nokwafoɔ wɔ adesoa no soa mu, ne adanseɛ a Awurade bɛma no no ka mu, na Onyankopɔn rennyaw no.” Ɔka kyerɛɛ afoforɔ sɛ, “Ɛno ne adeɛ a Awurade de saa adesoa yi ato so.” Ampa, ɛsɛ sɛ ɔnim, ɛfiri sɛ na wahu onipa no wɔ anisoadehunu a wɔka kyerɛɛ no wɔ mu sɛ wɔayi adesoa no “afiri ne so” no mu.
GSAM 213.1Efi saa bere no, Awuraa Harmon adwuma ne sɛ ɔkɔ baabiara wɔ New England Aman ahodoɔ mu, na ɔka nea wɔakyerɛ no no ho asɛm. Wɔ nsɛm bi mu no, wɔka kyerɛɛ no wɔ anisoadehunu mu sɛ ɔnkɔ he, na wɔsan ka kyerɛɛ no nsɛnnennen a ɔbɛhyia. Ne nkrasɛm ahodoɔ no yɛɛ animka titire maa wɔn a na wɔretwe wɔn ho akɔ Kristo honhom mu mmaeɛ nkyerɛkyerɛ no mu, ne nkuranhyɛ maa obiara sɛ ɔnkɔ so nkyere wɔn ho wɔ osuahunu a atwam no mu.
GSAM 213.2Ɔka n’osuahunu ho sɛ: “Ebinom gyaee adwuma koraa, na wɔtwaa wɔn a wɔannye wɔn adwene wɔ saa asɛm yi ho no nyinaa firii asafo no mu.... Onyankopɔn yii mfomsoɔ yi kyerɛɛ me wɔ anisoadehunu mu, na ɔsomaa me kɔɔ ne mma a wɔayera no nkyɛn sɛ menka ho asɛm nkyerɛ wɔn; nanso wɔn mu pii poo nkrasɛm no koraa, na wɔkae sɛ me ne wiase redi nsɛm. Ɔkwan foforɔ so no, Ɔkwanhwɛfoɔ a wɔfrɛ wɔn saa ara no kaa sɛ mewɔ nyamesom mu anibereɛ a ɛboro so, na wɔnam atorɔ so, na ebinom nso de abɔneɛ, kaa sɛ meyɛ nyamesom mu anibereɛ a ɛboro so no kannifoɔ, bere a na mereyɛ adwuma sɛ mɛma no agyae.”16 Yɛbɛsua yei ho adeɛ pii wɔ ti a edi soɔ no mu.
Notes
- Deuteronomium 4:34, 35. ↩
- Dwom 106:21, 22, ↩
- Efesofoɔ 4:8-15. ↩
- Marko 16:17, 18. ↩
- Korintofoɔ Kan 1:4-8. ↩
- Adiyisɛm 12:17. ↩
- Adiyisɛm 19:10. ↩
- Tesalonikafoɔ Kan 5:5, 19-21. ↩
- Sɛ wopɛ nhwehwɛmu a edi mũ wɔ Kyerɛwnsɛm adanseɛ a ɛfa honhom akyɛdeɛ ahodoɔ no tena hɔ daa ho a, hwɛ Nkɔmhyɛ Akyɛdeɛ wɔ Asɛmpa Asafo no Mu, nwoma ketewa a ne nkratafa yɛ 120, a wɔnya fi yɛn nwoma tintimbea biara. ↩
- Sɛnea wɔdaa no adi kyerɛɛ Hazen Foss no. Hwɛ Ti 11. ↩
- Early Writings (Nkyerɛwee a Edi Kan), kratafa 14, 15. ↩
- Daniel 10:8, 17-19. ↩
- Mateo 8:29. ↩
- Daniel 10:7. ↩
- Hwɛ Ti 11. ↩
- Early Writings (Nkyerɛwee a Edi Kan), kr. 22. ↩