Ti 14 — Ɛpono a Wɔato Mu
GSAM 214.1“Na wɔrekɔtɔ no, ayeforɔkunu no baeɛ; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no mu, na wɔtoo ɛpono no mu.”1
GSAM 214.2Ayeforɔkunu no mmaeɛ a wɔaka ho asɛm wɔ abɛbuo yi mu no nyɛ Kristo mmaeɛ ba asase so, na mmom ne mmaeɛ kɔ ayeforɔhyia no ase. Ayeforɔhyia no yɛ adeɛ a ɛsi ansa na Awurade aba. Wɔaka ho asɛm wɔ Asɛmpa a Luka twerɛeɛ no mu sɛ: “Momfa abɔsoɔ mmɔ mo asene, na momma mo akanea nnɛre; na monyɛ sɛ nnipa a wɔretwɛn wɔn wura sɛ ɔbɛfiri ayeforɔhyia ase aba, na sɛ ɔba bɛpem a, wɔabue no ntɛm ara.”2
GSAM 214Ahenni a Wɔgye no, Wɔfrɛ no Ayeforɔhyia
GSAM 214.3Wɔde Ayeforɔkunu no mmaeɛ kɔ ayeforɔhyia no ase akyerɛ wɔ Daniel 7:13, 14, faako a Kristo ba Agya no nkyɛn bɛgye n’ahennie no. Tete mmerɛ mu no, sɛ ɔhene ba n’ahenkuro mu bɛgye n’ahennwa ne n’ahennie a, na wɔfrɛ no ayeforɔhyia. Na wɔde animuonyam ne afahyɛ kɛseɛ te sɛ ayeforɔhyia ankasa deɛ di saa adeɛ yi, a ɛne ahenkuro no a ɔgye sɛ n’ayeforɔ. Enti sɛ Kristo gye n’ahennie firi Agya no nkyɛn wɔ soro a, wɔka sɛ waware n’ayeforɔ—Yerusalem Foforɔ no (Adiyisɛm 21:9); na yei na abɛbuo no frɛ no “ayeforɔhyia no.”
GSAM 214.4Nna 2300 no baa awieeɛ wɔ 1844 bosome 10 da 22 no akyi no, Kristo mmaeɛ ho nkurɔfoɔ no de nneɛma a ɛtoo wɔn totoo Apueeɛ fam ayeforɔhyia ho amanneɛ ho, na wɔkaa sɛ, “Kristo akɔ ayeforɔhyia no mu.” Berɛ a wɔnyaa hann a emu da hɔ yie fa adeɛ a na ɛbɛsi wɔ nna 2300 no awieeɛ ho no, wɔn gyidie dii Kristo akyi wɔ adwuma a wahyɛ aseɛ no mu; enti gyidie mu no, wɔne no “kɔɔ ayeforɔhyia no mu.”
GSAM 215“Mɛsan Aba”
GSAM 215.1Anisoadehunu a wɔde maa abaayewa Harmon wɔ 1845 mu, a ɛfa Kristo a ɔfiri ɔdan a ɛdi kan no mu kɔ soro kronkronbea no dan a ɛtɔ so mmienu no mu ho no, yɛhunu saa nsɛm yi wɔ mu: “‘Montwɛn ha; merekɔ m’Agya nkyɛn akɔgye ahennie no; momma mo ntadeɛ nni nkekaeɛ, na ɛrenkyɛ mɛfiri ayeforɔhyia no ase asan aba na mabɛfa mo akɔ me nkyɛn.’ Ɛnna mununkum teaseɛnam a ne nnankorɔ te sɛ ogya a ɛredɛreɛ, a abɔfoɔ atwa ho ahyia no, baa baabi a na Yesu wɔ no. Ɔforo kɔtenaa teaseɛnam no mu, na wɔde no kɔɔ kronkron mu kronkronbea hɔ, faako a na Agya no teɛ no.”3
GSAM 215Mmɔborɔhunu wɔ Ɛpono no Mu Toɔ Akyi
GSAM 215.2Ɛpono a wɔato mu wɔ abɛbuo yi mu no te sɛ ɛfa adeɛ bi a ɛsi ansa na Onipa Ba no aba ampa ara wɔ ɔsoro mununkum mu ho; ɛfiri sɛ ɛpono no mu toɔ akyi no, mmaabunu afoforɔ no ba bɛpem, na wɔka kyerɛ wɔn sɛ “monwɛn,” ɛfiri sɛ wɔnnim ne mmaeɛ no da anaa dɔn ko. Afei nso, wɔto ɛpono yi mu bere a mmaabunu anyansafoɔ no ne Ayeforɔkunu no akɔ ayeforɔhyia no mu akyi.
GSAM 215.3Sɛ yɛhwɛ nsɛm a wɔde dii dwuma wɔ mmaabunu ho abɛbuo yi mu a, ɛte sɛ wɔkɔ ayeforɔhyia no mu akyi no, kwan da so wɔ hɔ ma mmaabunu “agyimifoɔ” no mpo sɛ wɔbɛsiesie wɔn ho ɔkwan a ɛsɔ ani so ahyia Ayeforɔkunu no. Wɔhyɛ wɔn sɛ “monwɛn.” Ɔwɛn ne ɔtwɛn ka ahosiesie pa a wɔde hyia Awurade no ho. Enti ɛte sɛ wɔnyi mmɔborɔhunu mfiri hɔ berɛ a wɔto ɛpono no mu wɔ abɛbuo yi mu no.
GSAM 215Ɛnyɛ Ɛpono a Ɛwɔ Luka 13:25-28 no
GSAM 215.4Mmerɛ a atwam no, wɔadi mfomsoɔ de ɛpono a wɔaka ho asɛm wɔ abɛbuo yi mu afra ɛpono a wɔaka ho asɛm wɔ Luka 13:25-28 no, a ɛkenkan sɛ: “Sɛ efiewura no sɔre to ɛpono no mu, na mohyɛ aseɛ gyina abɔnten pem ɛpono no ka sɛ, Awurade, Awurade, bue yɛn a, ɔbɛbua aka akyerɛ mo sɛ, Mennim baabi a mofiri.... Mo amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me nkyɛn nkɔ. Ɛhɔ na agyaadwotwa ne setwɛreɛ bɛwɔ, berɛ a mobɛhunu Abraham ne Isak ne Yakob ne adiyifoɔ nyinaa wɔ Onyankopɔn ahennie mu, na mo ankasa deɛ, wɔapamo mo afiri mu no.” Nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no ma ɛda adi pefee sɛ, sɛ wɔto ɛpono yi mu a, na wɔasi wɔn a wɔaka abɔnten no daakye ho gyinaeɛ awie. Saa berɛ no na Onyankopɔn ahennie no aba; ɛfiri sɛ wɔbɛhunu wɔn a wɔagye wɔn nkwa no wɔ ahennie no mu. Nanso mmaabunu no abɛbuo mu no, na Awurade mmaa n’ahennie no mu ɛ, na mmom wakɔ n’Agya nkyɛn akɔgye n’ahennie no.
GSAM 216Ɛpono a Wɔato Mu wɔ Ɔsom a Ɛyɛ Nsɛnkyerɛnneɛ no Mu
GSAM 216.1Nnipa a wɔnam gyidie so dii Kristo akyi wɔ n’adwuma mu, wɔ nna 2300 no awieeɛ—1844 bosome 10 da 22—akyi no, hunuu sɛ, wɔ ɔsom a ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ no mu no, sɛ mpata da no ba a, ɔsɔfoɔ panin no to abɔnten dan no pono mu, na ɔbue ɛpono a ɛkɔ kronkron mu kronkronbea hɔ, na wakɔyɛ n’adwuma wɔ hɔ apepa bɔne a wɔapae mu aka wɔ kronkronbea hɔ no; na saa ara na Kristo, yɛn sɔfoɔ panin no, ato soro asɔredan no abɔnten dan no pono mu, na wabue ɔdan a wɔhunuu “n’apam adaka no” wɔ mu no.4
GSAM 216Hwannom na Wɔdii Mfomsoɔ?
GSAM 216.2Saa berɛ yi na nnipa bi wɔ Akwanhwɛfoɔ agyidifoɔ no mu a wɔnnyaa Kristo kronkronbea som no ho hann a emu da hɔ yie ɛ, na wɔnntwee wɔn adwene mmaa ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no nkrasɛm no so ɛ. Yeinom dii mfomsoɔ de kronkronbea no abɔnten pono yi fraa ɛpono a wɔato mu wɔ Luka 13:25-28 no. Nanso, na yeinom nyɛ Memeneda Akwanhwɛfoɔ. Nanso sɛ wɔyɛ hwannom, ne sɛdeɛ saa nkyerɛkyerɛ no firii aseɛ, ne tebea a ɛmaa wɔgyee saa adwene no, yɛbɛbɔ mmɔden akyerɛ.
GSAM 217.1Nnipa a wɔtetee wɔn ho firii asafo a ɛyɛ edin kɛkɛ deɛ no mu wɔ Kristo mmaeɛ ho nkrasɛm no dawurubɔ ase no, ne wɔn a wɔfirii wɔn mu no nso, wɔn nyinaa na adanseɛ a wɔde maa Adiyisɛm mu asafo nson no mu deɛ ɛtɔ so nnum ne nsia no kasa kyerɛ wɔn. Afotuo a wɔde ma asafo a ɛtɔ so nnum, Sardi asafo no, kenkan sɛ: “Enti kae sɛdeɛ woagye na woate no, na kura mu den, na nu wo ho. Enti sɛ woanwɛn a, mɛba wo so sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo so.”5 Saa nsɛm yi ma ɛda adi sɛ na nnipa a wɔrekasa akyerɛ wɔn yi ate Awurade mmaeɛ ho dawurubɔ no. Wɔkaa sɛ wɔagye atom, nanso afei na wɔrebɛpo.
GSAM 217Filadelfia Asafo no
GSAM 217.2Asɛm a ɛdi hɔ no fa Filadelfia asafo no, a ɛyɛ asɛmpa asafo no tebea a ɛtɔ so nsia no ho. Saa asafo yi gyina hɔ ma nnipa a wɔyii wɔn firii asafo no mu wɔ Adiyisɛm 14 mu nkrasɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛtɔ so mmienu no dawurubɔ ase no. Awurade ka kyerɛ saa asafo yi sɛ: “Hwɛ, mereba ntɛm; kura deɛ wowɔ no mu den, na obi annye w’ahenkyɛ.”6 Wɔsan kasa kyerɛ wɔn wɔ nsɛm a ɛdidi soɔ yi mu sɛ: “Deɛ ɔyɛ kronkron, deɛ ɔyɛ nokwafoɔ, deɛ ɔkura Dawid safe, deɛ ɔbue na obiara nnto mu, na ɔto mu na obiara mmue no, se yeinom: Menim wo nnwuma; hwɛ, mede ɛpono a wɔabue ato w’anim, na obiara ntumi nto mu; ɛfiri sɛ wowɔ ahoɔden kakra, na woadi m’asɛm so, na woampa me din.”7
GSAM 217Ɛdeɛn ne Ɛpono a Wɔato Mu wɔ Abɛbuo Yi Mu no?
GSAM 217.3Nteaseɛ bɛn na ɛwɔ ɛpono a wɔabue ne deɛ wɔato mu wɔ Twerɛsɛm a yɛafa aka seesei ara no mu? Yɛgye di sɛ yɛbɛnya asɛmmisa yi ho mmuaeɛ a ɛtɔ asom wɔ nkyerɛkyerɛmu a ɛdi soɔ yi mu: Na nnipa bi wɔ Akwanhwɛfoɔ no mu a wɔanya hann a ɛkɔ akyiri, na wɔrekyerɛkyerɛ sɛ Agyenkwa no asesa ne som adwuma afiri soro kronkronbea no dan a ɛdi kan no mu akɔ deɛ ɛtɔ so mmienu no mu, na wɔrekyerɛ ɛpono a wɔabue ne deɛ wɔato mu no ho asɛm yie akyerɛ wɔn a wɔbɛtie no. Nanso ekuo foforɔ sɔre tiaa saa nokorɛ yi, na na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfoɔ agye nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ wɔato ɛpono a wɔabue no mu, na wɔabue deɛ wɔato mu no adi. Yei a wɔyɛeɛ no, na wɔresiw kwan, anaa wɔresiw Awurade nkoa adwuma ho kwan wɔ asase yi so. Kristo tumi na ɛbue soro kronkronbea no apono na ɛto mu—“Deɛ ɔbue na obiara nnto mu no.” Asɛm a wɔde kɔmaa Filadelfia asafo no mu no, nnipa a wɔkura mu den, wɔdi n’asɛm so, na wɔmpa ne din no, di nkonim a ɛbue ɛpono bi a obiara ntumi nto mu. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yei fa ɛpono a ɛma wɔnya kwan kɔ nnipa nkyɛn no ho. Ɛpono yi deɛ, sɛdeɛ yɛbɛhunu no, ɛte sɛ nnipa atumi ato mu koraa; nanso esiane sɛ Awurade bu wɔn pintinn a wɔgyina no nti, ɔde “ɛpono a wɔabue” a obiara ntumi nto mu si anokwafoɔ no anim.
GSAM 218Ɛpono a Ɛma Wɔnya Kwan Kasa
GSAM 218.1Nhwɛsoɔ pii wɔ Twerɛsɛm no mu a wɔde ɛpono di dwuma wɔ saa nteaseɛ yi mu. Paulo twerɛ kɔmaa Korintofoɔ no, ɔkaa sɛ: “Ɛfiri sɛ wɔabue ɛpono kɛseɛ a ɛma adwuma tu mpɔn ama me, na atamfoɔ nso dɔɔso.”8 Afei nso, ne krataa a ɛtɔ so mmienu a ɔtwerɛ kɔmaa Korintofoɔ no mu no, ɔkaa sɛ: “Berɛ a mebaa Troa sɛ merebɛka Kristo asɛmpa, na Awurade abue ɛpono ama me no, mannya ahomegyeɛ wɔ me honhom mu, ɛfiri sɛ manhunu me nua Tito.”9 Ɔsrɛɛ Kolosefoɔ no nso sɛ: “Monkɔ so mmɔ mpaeɛ, na momfa aseda nwɛn wɔ mu; na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso, na Onyankopɔn mmue asɛm ka ho ɛpono mma yɛn, na yɛnka Kristo ahintasɛm a ɛno nti megu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu nso yi.”10
GSAM 218.2Saa Twerɛnsɛm yi ma ɛda adi sɛ, akwan a ɛbue ma wɔbɔ nokorɛ no dawuro no, wɔfrɛ no apono a wɔabue; na nsɛm a wɔka kyerɛɛ Filadelfia asafo no mu no, ɛte sɛ, berɛ a wɔfrɛɛ saa nnipa yi firii asafo no mu no, nnipa rebɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛto asɛm ka ho ɛpono no mu wɔ wɔn anim. Berɛ a Filadelfia asafo no faa sɔhwɛ no mu na wɔkuraa “n’asɛm” ne ne “din” mu den no, na Awurade asɛm a ɛba wɔn nkyɛn ne sɛ, ɔde ɛpono a wɔabue a obiara ntumi nto mu bɛsi wɔn anim.
GSAM 219Tebea no wɔ 1844 Bosome 10 Da 22 Akyi
GSAM 219.1Seesei a asɛm no da yɛn anim sɛdeɛ wɔaka wɔ nkɔmhyɛ no nsɛm mu no, momma yɛnhwɛ tebea no akyiri, sɛdeɛ nsɛm no sisiiɛ no. Sɛdeɛ yɛaka dada no, de bɛsi 1844 bosome 4 mu no, na asafo ahodoɔ abue wɔn apono ama Kristo mmaeɛ ho nkrasɛm no dawurubɔ, na adwumayɛfoɔ a na wɔrehia wɔn no dɔɔso sene asɛnkafoɔ a wɔte aseɛ no bɛtumi ayɛ. Abasamtuo a ɛbaa 1844 fefɛw berɛ mu no akyi no, wɔn a wɔamfiri akoma pa mu annye nkyerɛkyerɛ no atom no dan bɛsɔre tiaa no. Berɛ a wɔde Adiyisɛm 14 mu ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no nkrasɛm ne “ɔdasum nteɛmu” no (Mateo 25) maeɛ wɔ 1844 ahuhuro berɛ mu no, ɔtaa a ɛyɛ den paa sɔre tiaa wɔn a na wɔda so wɔ akokoduro ka wɔn gyidie wɔ Awurade mmaeɛ a abɛn no ho. Atiafoɔ yi faa akwan ahodoɔ so pɛɛ sɛ wɔbɛma asɛm no aka ahyɛ, na wɔfaa kwan biara a wɔbɛtumi so sɛ wɔbɛsiw wɔn a wɔda so rebɔ dawuro sɛ “n’atemmuo dɔn no aduru” no adwuma ho kwan. William Miller kaa saa ɔsɔretia yi ho asɛm sɛ, “Ɛyɛ adeɛ a ɛne onipa su nhyia koraa, na wɔntumi nkyerɛ deɛ enti a ɛte saa.” Ɔsɔretia no mu yɛɛ den paa wɔ nna 2300 no awieeɛ a na abɛn no mu, maa Geo. Storrs kaa ho asɛm sɛ, “Yɛne asafo a ɛyɛ edin kɛkɛ deɛ no ne abɔnefoɔ nyinaa awie, gye sɛ saa nteɛmu yi bɛka wɔn.”
GSAM 219.2Berɛ no baa awieeɛ akyi no, abɔnefoɔ no ɔsɔretia ne fɛdie no yɛɛ mmɔho mmienu ne mmiɛnsa denneennen, na William Miller kaa tebea no ho asɛm sɛ, “Yɛayɛ yɛn adwuma a ɛne sɛ yɛbɔ nnebɔneyɛfoɔ kɔkɔ na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛnyane asafo a ɛkura ɔsom ho amanneɛ kɛkɛ no. Onyankopɔn, wɔ n’ahwɛyie mu, ato ɛpono no mu.”11
GSAM 219Nnebɔneyɛfoɔ Nyinaa Akoma Den
GSAM 219.3Wiase a ɛredi fɛ no suban yi amma nnebɔneyɛfoɔ akoma anyɛ den antia Kristo mmaeɛ ho nkyerɛkyerɛ no nko ara, na mmom adanseɛ a wɔn a wɔwɔ asafo a ɛyɛ edin kɛkɛ deɛ no mu diiɛ ne sɛ: “Sɛ yɛkae sɛ akoma nsakyeraeɛ a ɛyɛ nokorɛ ho nsɛm ‘sua na ɛntaa nsi,’ ne sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ animtiaabu ne wɔn akoma den yɛ adeɛ a ɛkame ayɛ sɛ yɛnhunuu bi da no a, ɛkame ayɛ sɛ yɛnhyɛɛ da na yɛteɛm sɛ, ‘So Onyankopɔn werɛ afiri sɛ ɔbɛdom? Anaasɛ wɔato mmɔborɔhunu pono no mu?’”12
GSAM 220.1Yɛkenkan adwumayɛfoɔ foforɔ nso asɛm a ɛkɔ akyiri fa tebea no ho wɔ nkɔmhyɛ berɛ no awieeɛ akyi sɛ: “Saa berɛ no na ɛkame ayɛ sɛ obi rentumi nnya kwan nkɔ wɔn a wɔnnye nni no nkyɛn. Abasamtuo a ɛbaa 1844 mu no de adwene mu basabasa kɛseɛ aba nnipa pii so, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛtie asɛm no ho nkyerɛkyerɛmu biara.”13
GSAM 220Wɔato Apono a Ɛkɔ Wɔn a Wɔnnye Nni Nkyɛn Nyinaa Mu
GSAM 220.2Saa tebea no te sɛ ɛtoo ɛpono no mu saa berɛ no, maa obiara a wɔbɛtumi akɔ ne nkyɛn no yɛ wɔn a na wɔda so kura wɔn gyidie ne anidasoɔ wɔ Kristo mmaeɛ a abɛn no mu den no nko ara. Esiane sɛ ɛte sɛ wɔato asɛm ka ho ɛpono no mu koraa, na Akwanhwɛfoɔ no hunuu sɛ ɛpono a wɔato mu bi wɔ abɛbuo no mu a ɛfa wɔn tebea ho nti, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛhunu sɛdeɛ wɔbɛgyee adwene sɛ mmɔborɔhunu nni hɔ bio mma nnebɔneyɛfoɔ no; anaa sɛdeɛ ebinom kaa no, sɛ “wɔato mmɔborɔhunu pono no mu,” titire sɛ wɔsusuu sɛ ɛpono a wɔato mu wɔ abɛbuo yi mu no ne ɛpono a wɔato mu wɔ Luka 13 no yɛ baako a. Sɛ nnipa no ampɛ sɛ wɔtie koraa, na wɔmaa wɔn akoma yɛɛ den saa a, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔanya akoma nsakyeraeɛ?
GSAM 220Hwan na Ɔdii Kan Kyerɛkyerɛɛ Ɛpono a Wɔato Mu ho Nkyerɛkyerɛ a Ɛyɛ Atorɔ no?
GSAM 220.3Afei asɛmmisa no sɔre sɛ, hwan na ɔhyɛɛ nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ “mmɔborɔhunu nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ” no ase? Hwannom na wɔgyee diiɛ? Na hwannom na wɔpoeɛ? Sɛ mmuaeɛ ma asɛmmisa a ɛdi kan no, yɛbɛtwe adwene asi nsrahwɛ a J. V. Himes kɔɔ wɔ Maine mantam mu wɔ 1845 fefɛw berɛ mu no ho amanneɛbɔ so. Ɔka sɛ:—
GSAM 220.4“Onua Joseph Turner ne afoforɔ bɛgyee adwene sɛ yɛwɔ Homeda kɛseɛ no mu—sɛ mfeɛ mpem nsia no aba awieeɛ—enti ɛnsɛ sɛ Ɔkwanhwɛfoɔ biara san yɛ nsa adwuma biara bio. Wɔn adwene mu no, sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛma wɔahwere wɔn nkwa koraa awieeɛ no.
GSAM 220.5“Berɛ a wɔretwɛn wɔ saa tebea yi mu a wɔnyɛ wiase nsa adwuma biara no, hann foforɔ bi, sɛdeɛ wɔsusuu no, hyerɛnee Onua Turner adwene mu; ɛne sɛ, Ayeforɔkunu no ABA—sɛ ɔbaa Yudafoɔ afe a ɛtwaa mu no bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no—sɛ saa berɛ no na ayeforɔhyia no siiɛ—sɛ saa berɛ no mmaabunu no nyinaa, ɔkwan bi so, ne no kɔɔ ayeforɔhyia no mu, na wɔtoo ɛpono no mu!—sɛ yeinom mu biara rentumi nyera, na wɔn a wɔwɔ abɔnten no mu biara nso rentumi nnya nkwa. Saa na wɔwiee asase kɛseɛ yi honhom fam nsɛm nyinaa.”14
GSAM 221Hwan na Ɔsɔre Tiaa Atorɔ Nkyerɛkyerɛ no Denneennen?
GSAM 221.1Ɔsɔfoɔ Turner hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ ne “mmɔborɔhunu nni hɔ bio” nkyerɛkyerɛ no wɔ Paris, Maine, na mmerɛ tiawa bi no, na ɔwɔ akyidifoɔ bebree wɔ saa ɔman no fa hɔ. Esiane sɛ na ɛpono a ɛma wɔnya kwan kɔ nnipa a wɔnka Akwanhwɛfoɔ ho nkyɛn no ato mu koraa, sɛ wɔka sɛ wɔyɛ agyidifoɔ oo, wɔnnka sɛ wɔyɛ agyidifoɔ oo, ɛnyɛ nwanwa sɛ nnipa pii de nkakrankakra kɔgyee Turner adwene wɔ asɛm no ho.
GSAM 221.2Na wɔante asɛmfua Akwanhwɛfoɔ no ase wɔ ɔkwan a ɛntene so no, ɛfiri ha rekɔ yɛbɛfrɛ saa nnipa yi nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no Akwanhwɛfoɔ; na yeinom mu pii na wɔregye Owura Turner adwene atom no. Na wɔnhunuu anaa wɔnntee Homeda nokorɛ no ho asɛm ɛ, na wɔnntee ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no nkrasɛm no nso ɛ. Yeinom ho na Awuraa White ka asɛm sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi wɔ ne nwoma bi mu:—
GSAM 221.3“Berɛ a wɔde twɛn wɔ 1844 mu no twaa mu akyi no, Akwanhwɛfoɔ no da so gye dii sɛ Agyenkwa no mmaeɛ abɛn paa; wɔgyee dii sɛ wɔaduru berɛ titire bi a ɛsɛ sɛ wɔsi gyinaeɛ, na sɛ Kristo adwuma sɛ onipa ntamgyinafoɔ wɔ Onyankopɔn anim no agyaeɛ. Esiane sɛ na wɔabɔ atemmuo a abɛn no ho kɔkɔ nti, wɔtee nka sɛ wɔn adwuma ma wiase no aba awieeɛ, na wɔn akoma mu adesoa a wɔwɔ ma nnebɔneyɛfoɔ nkwagyeɛ no firi hɔ. Wɔn adwene mu no, amumuyɛfoɔ no fɛdie a akokoduro ne abususɛm wom no yɛ adanseɛ foforɔ sɛ wɔayi Onyankopɔn Honhom afiri wɔn a wɔapo ne mmɔborɔhunu no nkyɛn. Yei nyinaa hyɛɛ wɔn gyidie a ɛne sɛ adom berɛ no aba awieeɛ no mu den, anaa sɛdeɛ wɔkaa no, ‘wɔato mmɔborɔhunu pono no mu.’ Sɛdeɛ yɛaka no, Akwanhwɛfoɔ no nyinaa yɛɛ baako mmerɛ tiawa bi wɔ gyidie a ɛne sɛ wɔato mmɔborɔhunu pono no mu no mu.”15
GSAM 222.1Saa asɛm a yɛafa aka yi mu no, Awuraa White kyerɛɛ gyinabea a nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no Akwanhwɛfoɔ gyeeɛ. Ɔnkyerɛ mpo sɛ ɔno gyee diiɛ. Sɛdeɛ yɛakyerɛ wɔ atifi hɔ no, Joseph Turner na ɔdii kan kyerɛkyerɛɛ saa nkyerɛkyerɛ no wɔ Paris, Maine. Awuraa White (a saa berɛ no na wɔfrɛ no abaayewa Harmon) hyiaa Joseph Turner wɔ beaeɛ a yɛabɔ din wɔ atifi hɔ no wɔ 1845 fefɛw berɛ no mfiaseɛ, na ɔtee sɛ ɔreka ne nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ “Akwanhwɛfoɔ nnyɛ nsa adwuma bio, na mmɔborɔhunu nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ bio” no ho asɛm. Na ɔkaa no pefee kyerɛɛ no sɛ ɔre“kyerɛkyerɛ atorɔ nkyerɛkyerɛ; sɛ mmɔborɔhunu da so wɔ hɔ ma nnebɔneyɛfoɔ, ne wɔn a wɔnhyɛɛ da mpoo nokorɛ no.”
GSAM 222Ɔsɔretia “Mmɔborɔhunu Nni Hɔ” Nkyerɛkyerɛ no
GSAM 222.2J. N. Andrews, a ɔtenaa Paris, Maine, wɔ 1844 ne 1845 mu, na na ɔnim nnipa a wɔwɔ hɔ no suban ne Joseph Turner a ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ mmɔborɔhunu nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ bio no deɛ nso yie no, ka abaayewa Harmon gyinabea wɔ asɛm no ho saa berɛ no ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ anisoadehunu no na ɛmaa wɔgyee saa adwene yi; na mmom ɛtenee wɔn a na wɔda so kura saa adwene no adwene wɔ asɛm no ho.”16
GSAM 222.3Abaayewa Harmon kɔsraa Paris, Maine, ne mprenu so wɔ 1845 ahuhuro berɛ mu. Saa nsrahwɛ yi ho no, mɛfa Awuraa Truesdail a saa berɛ no na ɔte Paris no asɛm aka. Ɔka sɛ:—
GSAM 222.4“Berɛ a abaayewa Harmon kɔsraa Paris, Maine, wɔ 1845 ahuhuro berɛ mu no, mekaa m’adamfo dɔfoɔ bi a n’agya amma no kwan sɛ ɔbɛba yɛn nhyiamu ase no ho asɛm nyinaa kyerɛɛ no; enti na ɔnpoo hann no. Ɔsereeɛ na ɔbuaa sɛ, ‘Onyankopɔn nkyerɛɛ me da sɛ nkwagyeɛ nni hɔ mma nnipa a wɔte saa. Ɛyɛ wɔn a wɔde nokorɛ hann no akyerɛ wɔn na wɔhyɛɛ da poo no nko ara.’”17
GSAM 222.5Ɔsan ka abaayewa Harmon nsrahwɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Paris, wɔ 1846 mu, ho asɛm sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:—
GSAM 222Animka Foforɔ a Ɛtia Atorɔ Nkyerɛkyerɛ no
GSAM 222.6“Adeɛ foforɔ a ɛfata sɛ yɛka ho asɛm ne anisoadehunu a wɔde maeɛ wɔ 1846 mu wɔ Paris, Maine. Wɔkyerɛɛ abaayewa Harmon sɛ, sɛ Satan antumi ansi nnipa a wɔwɔ akoma pa no kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔn asɛdeɛ nyinaa a, ɔde n’aniteɛ bɛdi dwuma apia wɔn ama wɔayɛ aboro wɔn asɛdeɛ so. Na onuawa pa bi aka akyerɛ asafo ahodoɔ no sɛ Onyankopɔn apo wɔn, ɛfiri sɛ wɔapo nkrasɛm a wɔde firii soro soma baeɛ sɛ ɛmmɛgye wɔn nkwa no. Wɔkyerɛɛ Onuawa Harmon sɛ nokorɛ nni saa onuawa no nkrasɛm mu, ɛfiri sɛ na nnipa pii wɔ asafo ahodoɔ no mu a wɔbɛgye nokorɛ no atom akyiri yi; na abɔfoɔ pa no bɛkɔ ayɛ adwuma ama akra a wɔwɔ saa asafo ahodoɔ no mu no, na sɛ wɔyɛ saa a, wɔn [abɔfoɔ no] bɛgya saa onuawa yi ne ne nkrasɛm no [a ɛkyerɛ ne “mmɔborɔhunu nni hɔ” nkrasɛm no] wɔ ɛpono no akyi wɔ abɔnten.”18
GSAM 223Abirabɔ Biara Nni Mu
GSAM 223.1Esiane sɛ nnipa bi de nsi kɛseɛ rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ Awuraa White kyerɛkyerɛɛ “mmɔborɔhunu nni hɔ bio mma nnebɔneyɛfoɔ” nkyerɛkyerɛ no berɛ bi, nanso seesei ɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛne no bɔ abira nti, mede wɔn a wɔnim n’adwuma firi 1845 no adanseɛ bɛma, afa mmɔden a ɔbɔeɛ sɛ nnebɔneyɛfoɔ bɛnya akoma nsakyeraeɛ no ho. Deɛ ɛdidi soɔ yi yɛ asɛm a ɛfiri Ira Abbey a ɔfiri Brookfield, Madison mantam, wɔ New York mantam mu no nkyɛn:—
GSAM 223.2“Mfeɛ 1846 ne 1850 ntam no, Onua ne Onuawa White baa yɛn fie, na wɔde nsi kɛseɛ yɛɛ adwuma maa mmɔfra ne wɔn a na wɔmpoo nokorɛ no. Wɔyɛɛ adwuma maa akra a wɔnnyaa akoma nsakyeraeɛ no, na menkae da sɛ metee sɛ Onuawa White aka sɛ anidasoɔ biara nni hɔ mma wɔn a wɔasan akɔ wɔn akyi ne wɔn a wɔmpoo nokorɛ no.”19
GSAM 223Nnawɔtwe mu Da a Ɛdi Kan so Akwanhwɛfoɔ Adanseɛ
GSAM 223.3Deɛ nnawɔtwe mu da a ɛdi kan so Akwanhwɛfoɔ a wɔwɔ New England nim fa ɛpono a wɔato mu ho nkyerɛkyerɛ a ɛtra so no ho deɛ, momma krataa a ɛdi soɔ yi nni ho adanseɛ:—
GSAM 223.4“Afe 1891 Ɔsanaa 5 kɔsi 9 no, me ne Ɔsɔfoɔ Miles Grant gyee akyinnyeɛ wɔ Brookston, kuro a emu nnipa bɛyɛ 30,000. Akyinnyegyeɛ no kɔɔ so wɔ ntomadan kɛseɛ no mu, na Owura John Barbour, a na wayɛ kuro no agyinatufoɔ badwa no titrani pɛn no, na ɔhwɛɛ so. Saa kuro yi ne Boston ntam bɛyɛ akwansin aduonu. Na akyinnyegyeɛ no fa Homeda ho asɛm, nanso Owura Grant bɔɔ mmɔden sɛ ɔde Onuawa White suahunu wɔ saa adwuma yi mu bɛhyɛ akyinnyegyeɛ no mu. Ɔbɔɔ no sobo sɛ ‘wɔkyerɛɛ no dada, wɔ afe 1844 mu, sɛ adom berɛ no atwam, na mmɔborɔhunu biara nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ bio.’”
GSAM 224.1“Me mmuaeɛ mu no, meka kyerɛɛ no sɛ nnawɔtwe mu da a ɛdi kan so Akwanhwɛfoɔ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa, gyee saa adwene no toom berɛ bi, ansa na yɛrete yɛn ho afiri wɔn ho, na Awuraa White deɛ, na ɔnnye saa adwene no ntom koraa; nneɛma a wɔdii kan kyerɛɛ no no mu baako ne sɛ saa adwene no yɛ ‘atorɔ,’ na mmɔborɔhunu da so wɔ hɔ ma nnebɔneyɛfoɔ. Mekaa sɛ, ‘Saa na ɛteɛ, na Ɔsɔfoɔ Grant nim sɛ saa na ɛteɛ.’ Mereka saa asɛm yi no, nnawɔtwe mu da a ɛdi kan so Akwanhwɛfoɔ bebree a wɔwɔ m’anim no [na saa nnipa no yɛ nnipa dodoɔ a wɔahyɛ ntomadan kɛseɛ no ma no fa kɛseɛ bi] kyerɛɛ sɛ wɔgye asɛm no tom koraa denam wɔn ti a wɔbɔɔ no ase so. Deɛ ɛhia sɛ meka ara ne sɛ Ɔsɔfoɔ Grant anka saa asɛm no bio wɔ akyinnyegyeɛ no mu.” Deɛ ɔde ne nsa hyɛɛ aseɛ ne “Geo. E. Fifield, South Lancaster, Mass., afe 1895 Ɔpɛnimma 6.”
GSAM 224Awuraa White Hwehwɛ Nnebɔneyɛfoɔ Nkwagyeɛ Berɛ Nyinaa
GSAM 224.3Saa nokwasɛm yi nso di adanseɛ sɛ Awuraa White ayɛ adwuma ma nnebɔneyɛfoɔ adwensakra firi afe 1844 bɛsi ɛnnɛ: Ɔne Ɔsɔfoɔ White yɛɛ nhyiamu wɔ Albert Belden fie wɔ Rocky Hill, Conn., a ɛhyɛɛ aseɛ afe 1848 Oforisuo 20. Saa nhyiamu yi mu no, wɔyɛɛ adwuma maa ebinom a wɔfiri wiase. Ɔsɔfoɔ White ne ne yere daa ɔpɛ sononko adi wɔ saa akra no ho. Yɛbɛma saa nnipa yi mu baako a Ɔsɔfoɔ White bɔɔ no asu no adanseɛ wɔ asɛm yi ho. John Y. Wilcox kyerɛwee firi Kensington, Conn., afe 1891 Ɔgyefuo 22 sɛ:—
GSAM 224.4“Wɔde me baa nokorɛ no mu berɛ a na wɔyɛ nhyiamu wɔ Onua A. Belden fie abansoro dan a na wɔnsii nwieɛ no mu wɔ Rocky Hill, Conn. Ɛnam Onua ne Onuawa White adwumayɛ so na menyaa ɛnnɛ berɛ yi mu nokorɛ no hann. Ɛno akyi annkyɛ na Onua White bɔɔ me asu. Sɛ ɛnyɛ nkuranhyɛ ne ahoɔden a menyaa firii wɔn nkyɛn a, mennim sɛ anka menya akokoduro biara adwene anaa ate nka sɛ Awurade agye me atom. Na wɔdwene me ho paa, na wɔyɛɛ adwuma boaa me.”
GSAM 225.1Ɔsɔfoɔ White kaa saa nhyiamu no ho asɛm wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa Stockbridge Howland, Topsham, Maine, mu sɛ, “Onua Bates kyerɛkyerɛɛ mmara nsɛm no mu pefee paa, na adanseɛ a emu yɛ den paa sii sɛdeɛ ɛho hia so dua maa wɔn tee aseɛ. Asɛm no hyɛɛ wɔn a wɔwɔ nokorɛ no mu dada no den, na ɛkanyan wɔn a na wɔnsi wɔn adwene pi nwieɛ.”
GSAM 225Adwuma a Wɔyɛ Maa Nnebɔneyɛfoɔ wɔ Oswego, N.Y.
GSAM 225.2Afe 1849 mu no, Ɔsɔfoɔ James White ne ne yere yɛɛ adwuma wɔ Oswego, N.Y. Saa nhyiamu no mu na Hiram Patch ne ababaa Benson bi a na wɔahyɛ awareɛ bɔ no sakraa wɔn adwene baa Onyankopɔn ne ɛnnɛ berɛ yi mu nokorɛ no mu.
GSAM 225.3Afe 1850 Ɔbɛnem mu no, wɔsan yɛɛ nhyiamu wɔ Oswego. Ɛnnɛ Berɛ Yi Mu Nokorɛ a ɛbaa Oforisuo mu no mu, berɛ a Ɔsɔfoɔ White reka saa nhyiamu no ho asɛm no, ɔkaa sɛ:
GSAM 225.3“Adwuma a ɛyɛ anigyeɛ paa rekɔ so seesei wɔ nkaeɛfoɔ no mma mu wɔ saa kuro yi mu. Wɔn nkwagyeɛ na ayɛ asɛm titire wɔ yɛn nhyiamu mu Homeda mmienu a atwam no, na Onyankopɔn ahyira yɛn anwanwakwan so. Nokorɛ no anya nsunsuansoɔ pa wɔ yɛn ne yɛn mma nyinaa so. Nnawɔtwe mu da a ɛdi kan a atwam no anwummerɛ no, yɛyɛɛ nhyiamu maa wɔn nkutoo yiedie, na wɔhwiee Awurade Honhom guu yɛn mu. Mmɔfra no nyinaa bɔɔ wɔn mu ase wɔ Awurade anim, na ɛdaa adi sɛ wɔte hia a ɛhia sɛ wɔdi mmara nsɛm no so, ne titire deɛ ɛtɔ so nnum no, na wɔhwehwɛ nkwagyeɛ wɔ Yesu Kristo mu no ase. Saa nhyiamu yi yɛ nhyiamu a ɛyɛ anigyeɛ paa a mahunu pɛn no mu baako.”
GSAM 225.4Wɔ Ɛnnɛ Berɛ Yi Mu Nokorɛ a ɛbaa afe 1849 Obubuo mu no mu no, Ɔsɔfoɔ White tintim nnipa bebree a wɔsakraa wɔn adwene na wɔbɔɔ wɔn asu no ho asɛm; na atesɛm krataa yi deɛ ɛtwa toɔ wɔ afe 1850 mu no mu, nhyiamu a wɔyɛɛ wɔ Waitsfield, Vt., ne Heman Churchill a na wasakra afiri wiase nkyɛeɛ na ɔbaa nhyiamu no ase no ho asɛm wɔ hɔ. Asɛm no frɛ no “onua.” Sɛ na mmɔborɔhunu nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ bio a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ɛbɛtumi ayɛ saa?
GSAM 226Adansefoɔ Aduonu Baako Adanseɛ
GSAM 226.1Ɛha yi, yɛde adanseɛ bi a nnipa aduonu baako de wɔn nsa hyɛɛ aseɛ wɔ afe 1888 mu no ma. Wɔn mu biara na ɔwɔ Kristo mmaeɛ ho kuo no mu afe 1844, na na ɔnim ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no nkrasɛm no mfiaseɛ ho asɛm yie. Na wɔn nyinaa wɔ nkrasɛm no mu ansa na afe 1851 reba, na wɔn mu dodoɔ no ara ne Memeneda Akwanhwɛfoɔ abɔ mu ɛkame ayɛ sɛ ɛfiri nkrasɛm no mfiaseɛ:—
GSAM 226.2“Yɛn a yɛde yɛn nsa ahyɛ aseɛ yi nim Kristo mmaeɛ ho kuo no yie wɔ afe 1844 mu berɛ a berɛ a wɔahyɛ no twaam no, na yɛgyee ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no nkrasɛm no mu nokorɛ too mu dada wɔ afe 1850 mu. Enti yɛde anigyeɛ de yɛn din hyɛ asɛm a ɛdi soɔ yi aseɛ, ɛfa ɛpono a wɔato mu ho nkyerɛkyerɛ a wɔn a wɔgye ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no nkrasɛm no di kuraa mu firi ne mfiaseɛ bɛsi afe a yɛaka no awieeɛ yi ne ɛno akyi no ho.
GSAM 226.3“Wɔgyee dii, sɛdeɛ Adiyisɛm 3:7, 8 ne twerɛsɛm afoforɔ kyerɛ no, sɛ Daniel 8:14 nna 2300 no baa awieeɛ no, Kristo wiee n’adwuma wɔ ɔsoro kronkronbea no dan a ɛdi kan no mu, na ɔde ne som adwuma kɔɔ kronkron mu kronkronbea hɔ, na ɔhyɛɛ atemmuo adwuma ase; ɛnam so sesaa ɔfa a ɔreyɛ wɔ nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no mu wɔ saa kwan yi so. Ɛha yi na wɔbuee ɛpono baako na wɔtoo ɛpono baako mu.
GSAM 226.4“Wɔgyee dii sɛ Onyankopɔn apo wɔn a wɔnyaa ɔbɔfoɔ a ɔdi kan no nkrasɛm ho hann pefee, nanso wɔdanee wɔn ho tiaa no na wɔsɔre tiaa no denneennen no. Nanso wɔannye anni sɛ wɔn a na wɔnnyaa hann no anaa wɔn a na wɔnnuru mfeɛ a wɔbɛtumi abu wɔn wɔn nneyɛeɛ ho akontaa ansa na afe 1844 reba no, sɛ wɔde akoma pa hwehwɛ Onyankopɔn a, ɔbɛpo wɔn.
GSAM 226.5“Ɛwom sɛ berɛ a berɛ a wɔahyɛ no twaam ara pɛ no, wɔne William Miller ne Akwanhwɛfoɔ dodow kɛseɛ no gyee dii sɛ wɔawie wɔn adwuma ama wiase, na Awurade bɛba ntɛm paa deɛ, nanso berɛ a kronkronbea no ne nkrasɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa no ho hann kyerɛɛ wɔn abasamtuo no ase no, wɔannye anni sɛ mmɔborɔhunu berɛ atwam, gye wɔn a wɔpoo hann no nko ara.”
GSAM 227.1Wɔn a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ ne, “J. B. Sweet, South Saginaw, Mich.; Samuel Martin, West Rindge, N.H.; Ira Abbey, North Brookfield, N.Y.; Awuraa R. B. Abbey, North Brookfield, N.Y.; Awuraa Diana Abbey, North Brookfield, N.Y.; Awuraa L. B. Abbey, North Brookfield, N.Y.; Heman S. Gurney, Memphis, Mich.; Ann E. Gurney, Memphis, Mich.; William Gifford, Memphis, Mich.; Awuraa Mary S. Chase, Battle Creek, Mich.; S. M. Howland, Battle Creek, Mich.; Awuraa F. H. Lunt, Battle Creek, Mich.; Awuraa Melora A. Ashley, Battle Creek, Mich.; Awuraa Caroline A. Dodge, Battle Creek, Mich.; Awuraa Sarah B. Whipple, Battle Creek, Mich.; Awuraa Uriah Smith, Battle Creek, Mich.; Awuraa Paulina R. Heligass, Moline, Kan.; R. G. Lockwood, St. Helena, Cal.; Awuraa R. G. Lockwood, St. Helena, Cal.; Reuben Loveland, North Hyde Park, Vt.; Awuraa Belinda Loveland, North Hyde Park, Vt.”
GSAM 227Anisoadehunu a Wɔakyerɛ Aseɛ Mfomsoɔ Mu
GSAM 227.2Wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ anisoadehunu a wɔde maa Awuraa White wɔ Topsham, Maine, afe 1849 Ɔbɛnem 24 no ase sɛ ɛkyerɛkyerɛ saa mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ yi—sɛ mmɔborɔhunu nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ bio. Wɔde saa anisoadehunu yi maa no berɛ a na wɔrehyɛ “Rochester mu kɔkɔkɔ” (ahonhom ne nnipa nkitahodie ho gyidie) ase no ara mu. Awuraa White hunuu sɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ahintasɛm wɔ mu, anwanwadeɛ ne atorɔ nsakraeɛ bɛdɔɔso na atrɛ. Saa nsakraeɛ yi nyɛ nsakraeɛ a ɛfiri mfomsoɔ mu kɔ nokorɛ mu (wanka sɛ nsakraeɛ a ɛte saa remma da, na mmom nsakraeɛ a wɔkyerɛɛ no, a nnipa de wɔn ankasa tumi reyɛ no, na ɛte saa), na mmom ɛfiri bɔne mu kɔ bɔne a ɛsene saa mu; ɛfiri sɛ wɔn a wɔkaa sɛ wɔn akoma asakra no de nyamesom atadeɛ na ɛkata wɔn ho, a ɛkata akoma bɔne amumuyɛ so. Ebinom daa wɔn ho adi te sɛ wɔn a wɔasakra ampa, na ɛnam so maa wɔtumi daadaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ; nanso sɛ anka wɔbɛtumi ahunu wɔn akoma mu a, anka ɛbɛyɛ tuntum sɛdeɛ ɛteɛ kane no ara.
GSAM 227.3Afei ɔkaa sɛ: “Ɔbɔfoɔ a ɔka me ho no ka kyerɛɛ me sɛ menhwɛ ɔkra mu yea a wɔdi ma nnebɔneyɛfoɔ sɛdeɛ kane no na wɔyɛ no. Mehwɛeɛ, nanso mantumi anhunu; ɛfiri sɛ wɔn nkwagyeɛ berɛ atwam.”20
GSAM 228.1Wɔaka sɛ saa anisoadehunu yi kyerɛkyerɛɛ sɛ mmɔborɔhunu nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ bio, nanso yɛbisa sɛ, Ɛbɛyɛ dɛn na ɛbɛyɛ saa, ɛberɛ a ɔsɔre tiaa saa nkyerɛkyerɛ no firi berɛ a Joseph Turner dii kan kyerɛkyerɛeɛ wɔ afe 1845 fefɛw berɛ mu no ara, na ɔde nsi ayɛ adwuma firi saa berɛ no de hwehwɛ nnebɔneyɛfoɔ adwensakra ne wɔn nkwagyeɛ?
GSAM 228.2Wɔ Suahunu ne Anisoadehunu ho Nsɛm a Wɔde Aka Ho, a wɔtintim no afe 1854 no mu no, Awuraa White se, “Ɛda so aka sɛ wɔbɛhunu ‘atorɔ nsakraeɛ’ a wɔaka ho asɛm no pefee pa ara. Saa anisoadehunu yi fa wɔn a wɔate Kristo mmaeɛ ho nkyerɛkyerɛ no hann na wɔapo no no ho titire. Wɔagyaa wɔn ama nnaadaa a emu yɛ den. Wɔn a wɔte saa no rennya ‘ɔkra mu yea wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho’ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.”21
GSAM 228.3Asɔretiafoɔ ka sɛ wɔnim deɛ na Awuraa White rehwɛ wɔ saa anisoadehunu yi mu sene ɔno ankasa. Momma yɛnhwehwɛ mu kakra sɛdeɛ wɔkyerɛ aseɛ no; ɛne sɛ na ɔrehwɛ nnebɔneyɛfoɔ tebea, na ɛnyɛ wɔn a wɔdi honhom mu nyaneɛ ho nhyiamu anim no. Enti ɔhwɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no sɛ ɔbɛhunu “ɔkra mu yea wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho, nanso wanhunu.” Hwan na wahunu ɔkra mu yea wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho denam nnebɔneyɛfoɔ no ara a ɔhwɛ wɔn kɛkɛ so pɛn? Nanso yɛbisa sɛ, nnipa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ adanseɛ a ɛwɔ atifi hɔ no mu, a na wɔde nnipa ankasa tumi ne adwene so tumi kɛkɛ nya adwensakrafoɔ, na wɔfrɛɛ no Onyankopɔn Honhom adwuma no, wɔn nso ɛ? Saa asɔretiafoɔ a na wɔpɛ paa sɛ wɔkyerɛ sɛ Awuraa White kyerɛkyerɛɛ “ɛpono a wɔato mu” ho adwene a ɛtra so no, wɔayɛ krado sɛ wɔbɛgye atom sɛ na saa honhom mu nyaneɛ ho adwumayɛfoɔ yi yɛ nnipa kronkron, na na wɔrenya adwensakrafoɔ a wɔasakra ampa?
GSAM 228.4Ɛda adi pefee ma obiara a ɔhwehwɛ nokorɛ sɛ nnipa a wɔreka wɔn ho asɛm wɔ ha yi ne wɔn a wɔkaa sɛ wɔwɔ saa ɔkra mu yea yi, nanso na wɔapo hann ne nokorɛ, na na wɔde adwene so tumi nya adwensakrafoɔ no. Wɔn a wɔte saa no rentumi nnya ɔkra mu yea amapa wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho berɛ a wɔn ankasa hyɛ afɔbuo ase; ɛfiri sɛ “wɔn [wɔn ankasa] nkwagyeɛ berɛ atwam.”
GSAM 229.1Nnipa bi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛnya adwene afiri Awuraa White anisoadehunu a ɔnyaeɛ afe 1849 Ɔbɛnem 24 no mu sɛ ɛkyerɛkyerɛɛ sɛ mmɔborɔhunu nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ bio; nanso yɛakyerɛ dada sɛ afe 1845 mu, wɔ Paris, Maine, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ mmɔborɔhunu wɔ hɔ ma wɔn nyinaa a wɔnhyɛɛ da anpo hann ne nokorɛ a na wɔnim na wɔte aseɛ no. Anisoadehunu a wɔde maa no wɔ saa beaeɛ no ara wɔ afe 1846 mu no mu no, wɔkyerɛɛ sɛ Awurade wɔ “nkurɔfoɔ wɔ asafo ahodoɔ no mu a wɔmpoo nokorɛ no.” Wɔkaa wɔn a na wɔdwene soronko no anim, sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ bɛkɔ so ayɛ adwuma ama saa nnipa no, na sɛ wɔyɛ adwuma no a, wɔbɛgya wɔn a wɔrekasa tia wɔn no wɔ abɔnten.
GSAM 229.2Bio nso, afe 1848 Oforisuo mu no, na Ɔsɔfoɔ White ne ne yere reyɛ adwuma wɔ Rocky Hill, Conn., ama nnebɔneyɛfoɔ adwensakra. Yeinom nyinaa di adanseɛ sɛ anisoadehunu a ɔnyaeɛ afe 1849 Ɔbɛnem 24 no ne deɛ wɔde maa no wɔ Paris, Maine, afe 1846 mu no hyia, na ɛne ɛkwan a Onyankopɔn asomfoɔ yi faa so wɔ afe 1848 Oforisuo mu no nso hyia.
GSAM 229Wɔadi Atorɔ Honhom mu Nyaneɛ Ho Adwumayɛfoɔ Bi So Nkonim
GSAM 229.3Wɔdii kan tintim saa anisoadehunu yi wɔ Connecticut, afe 1849 mu. Na ɔsɔfoɔ bi de nsi kɛseɛ reyɛ adwuma wɔ hɔ de anya adwensakrafoɔ, na ɔkaa mpo sɛ ɔwɔ kasa horow akyɛdeɛ. Na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛnya Homeda difoɔ kuo ketewa a ɛwɔ Rocky Hill no so tumi. Ɔfrɛɛ wɔn mu baako “Awurade ɔhotefoɔ dɔfoɔ.” Ɔwɔ hɔ no, Awuraa White nyaa anisoadehunu a ɛkyerɛɛ nnaadaa a ɛwɔ n’adwuma no mu, ne sɛ ne “ɔhotefoɔ dɔfoɔ” no nam ɛkwan a ɛne mmara asɛm a ɛtɔ so nson no nhyia so. Saa ɔbaa “ɔhotefoɔ” yi annye sobo no antom, na ɔsɔfoɔ no srɛɛ denneennen sɛ wɔnhunu “Awurade ɔhotefoɔ mmɔborɔni” no mmɔbɔ, sɛdeɛ ɔfrɛɛ no no. Anadwo a ɛdi soɔ no, ayamtuo ne feɛ yareɛ baa saa ababaa yi so, na ɔsusuu sɛ ɔrebɛwu. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Awuraa White, na ɔpaee mu kaa sɛ deɛ wɔakyerɛ afa ne ho no yɛ nokorɛ; sɛ bɔne a Awuraa White aka no ara na wayɛ. Enti saa atorɔ dwumayɛfoɔ yi antumi annaadaa saa kuo no, na n’adwuma no su daa adi, na ɛmaa ne mmɔdenbɔ wɔ saa beaeɛ no baa awieeɛ mpofirim.
GSAM 230Atorɔ Honhom mu Nyaneɛ Ho Adwumayɛfoɔ Foforɔ wɔ Oswego, N.Y.
GSAM 230.1Sɛdeɛ yɛbɛma nnyinasosɛm a ɛwɔ adanseɛ a ɛwɔ atifi hɔ no mu ada adi yie bio, na yɛakyerɛ sɛdeɛ Ɔsɔfoɔ White ne ne yere kɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ afe 1849-50 mu maa nnebɔneyɛfoɔ adwensakra no, yɛde nokwasɛm a ɛdi soɔ yi ma. Elias Goodwin ne asafo a ɛwɔ Oswego wɔ New York mantam mu no mufoɔ a wɔdii kan no mu afoforɔ na wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ me:—
GSAM 230.2Saa berɛ no (1849), na aberanteɛ bi a ne din de Hiram Patch te saa beaeɛ hɔ. Na ɔne ababaa bi ahyɛ awareɛ bɔ, na ɛno akyi annkyɛ na ɔwaree no. Na wɔn adwene nsakraeɛ, nanso na wɔkɔ nhyiamu a Ɔsɔfoɔ White ne ne yere yɛ no, na ɛkaa kakra na wɔagye atom sɛ wɔbɛyɛ Kristofoɔ. Saa berɛ yi mu no, wɔhyɛɛ honhom mu nyaneɛ bi ase wɔ asafo a ɛwɔ Oswego no mu baako mu; ɛnyɛ asɔfoɔ no na wɔhyɛɛ aseɛ, na mmom asafo muni titire bi a na ɔyɛ ɔmansin no sikasɛm sohwɛfoɔ. Saa ɔbarima yi daa ne ho adi sɛ obi a ɔwɔ nsi paa, na ɔkaa sɛ ɔsoa adesoa kɛseɛ wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho. Sɛ ɔrebɔ mpaeɛ ama wɔn a wɔn adwene nsakraeɛ no a, na ɔkyinkyim ne nsa, na ɛte sɛdeɛ ne ho yeraw no paa wɔ wɔn a wɔayera no tebea ho.
GSAM 230.3Owura Patch ne ne yere a ɔrebɛware no no kɔɔ saa honhom mu nyaneɛ ho nhyiamu yi, na na wɔn adwene mu ayɛ wɔn naa wɔ deɛ wɔbɛyɛ ho. Wɔbaa nhyiamu bi ase a Awuraa White nyaa anisoadehunu, na wɔkyerɛɛ no Hosea 5:6, 7, a ɛkenkan sɛ, “Wɔde wɔn nnwankuo ne wɔn anantwiekuo bɛkɔ akɔhwehwɛ Awurade; nanso wɔrenhu no; watwe ne ho afiri wɔn ho. Wɔadi Awurade hwammɔ; ɛfiri sɛ wɔawo anana mma: afei bosome baako bɛmene wɔn ne wɔn agyapadeɛ.” Wɔkyerɛɛ no sɛ wɔn a wɔdi saa honhom mu nyaneɛ yi anim no ne Onyankopɔn ntam nyɛ, na wɔnni ɔkra mu adesoa amapa wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho.
GSAM 231Nkɔmhyɛ a Ɛfa Adwuma no Guo Ho
GSAM 231.1Afei ɔka kyerɛɛ Owura Patch sɛ, “Wɔka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wo sɛ saa asɛm yi mu no, twerɛsɛm no mu asɛm bɛba mu pɛpɛɛpɛ. Twɛn bosome baako, na w’ankasa wobɛhunu nnipa a wɔreyɛ saa honhom mu nyaneɛ yi, na wɔka sɛ wɔwɔ adesoa kɛseɛ a ɛte saa wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho no su.” Owura Patch kaa sɛ, “Mɛtwɛn.”
GSAM 231.2Anisoadehunu no akyi nnawɔtwe mmienu ntam no, saa sikasɛm sohwɛfoɔ a ɔkaa sɛ ɔdi ɔkra mu yea a ɛte saa ma nnebɔneyɛfoɔ no, yea a na ɔrehyɛ da reda no adi no maa mogya ntini bi a ɛwɔ ne yam paeeɛ, na mogya a ɛtuu no no nti, na ɛsɛ sɛ wɔde no kɔda mpa so. Na ɛsɛ sɛ ɔmansin no mmara sohwɛfoɔ di sikasɛm sohwɛfoɔ no adwumayɛbea nsɛm ho dwuma. Ɔne ne mmoafoɔ no mu baako hwɛɛ sika nkaeɛ a ɛsɛ sɛ ɛwɔ hɔ sɛdeɛ sikasɛm sohwɛfoɔ no nwoma kyerɛ no, na afei wɔkanee sika no de siesiee wɔn ho sɛ wɔregye adwuma no ahwɛ so, na hwɛ, na sika no so ate $1,000 pɛ.
GSAM 231.3Mmara sohwɛfoɔ no ne ne boafoɔ no deɛ, ɛyɛɛ wɔn sɛ ɛrentumi nyɛ sɛ ɔbarima a ɔde nsi a ɛte saa reyɛ honhom mu nyaneɛ adwuma no na wafa sika no. Wɔsusuu sɛ ɛbɛyɛ sɛ watua sika no de ayɛ biribi, na ne werɛ afiri sɛ ɔbɛtwerɛ deɛ ɛfata wɔ nwoma no mu; anaa ebia ɔde agu sikakorabea, na amma akontaa a ɛwɔ sika adaka a wɔato mu no mu no mu. Sɛdeɛ ɛteɛ biara no, na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom firi ne nkyɛn, nanso na ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyie yɛ saa; ɛfiri sɛ sɛ na sika no wɔ ne hɔ a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ anka ɔbɛbɔ mmɔden de asie. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔn mu baako nni kan nkɔhinta wɔ pata a ɛwɔ fie no akyi no mu, na ɔnhwɛ akyire ɛpono no sɛ wɔyɛ biribi a, ɛberɛ a mmara sohwɛfoɔ no bɛfa anim ɛpono no mu awura. Berɛ a mmara sohwɛfoɔ no bɛnee fie no na ɔfaa anim ɛpono no mu kɔɔ hɔ no, ɔhunuu ɔbaa bi atadeɛ sɛ ɔrefiri akyire ɛpono no mu adi. Ɔbarima a na ɔwɔ pata no mu no hunuu ɔbaa no sɛ ɔde ahoɔhare kɔɔ sukyerɛmma a aboaboa ano no nkyɛn, tuu tokuro wɔ sukyerɛmma no mu, de biribi hyɛɛ hɔ, de sukyerɛmma kataa so, na ɔsan baa fie.
GSAM 232.1Mmara sohwɛfoɔ no baa sikasɛm sohwɛfoɔ no mpa ho, na ɔbisaa n’akwahosan ho asɛm wieeɛ no, ɔkaa adwumayɛbea hɔ nsɛm a ayɛ wɔn nwonwa no ho asɛm kakra, de kyerɛɛ sɛ ebia ɔbɛtumi akyerɛ ɔhaw no ase. Ɔbarima no ho yeraw no paa, na ɔmaa ne nsa so kyerɛɛ soro, frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnni adanseɛ, na ɔkaa sɛ ɔnnim sika no ho hwee. Saa berɛ no ara, ne yere baa mu, na ɔpɛɛ sɛ ɔhunu asɛm a ɛwɔ hɔ ne deɛ enti a ne kunu ho yeraw no saa. Ɔbarima no buaa sɛ, “Wɔdwene sɛ wɔn sika no wɔ yɛn hɔ.” Afei ɔbaa no nso maa ne nsa so saa ara, frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnni adanseɛ sɛ sika no nni wɔn hɔ, na bio nso, wɔnni ho nimdeɛ biara. Ɔkaa saa asɛm no wieeɛ ara pɛ na mmara sohwɛfoɔ no boafoɔ no a, berɛ a ɔbaa no wuruu fie no, ɔde ahoɔhare firii n’ahintabea kɔɔ sukyerɛmma a aboaboa ano no nkyɛn no, kaa asɛm yi de twaa mu sɛ, “Awuraa, ɛdeɛn ne yei? Mehunuu sɛ wode ahoɔhare firii fie no bɛhyɛɛ yei wɔ sukyerɛmma no mu, na ɛnie, sika kotokuo a ayera no, a wɔatwerɛ $1,000 wɔ so no.”
GSAM 232.2Sɛdeɛ obi bɛhwɛ kwan no, saa honhom mu nyaneɛ no guu mpofirim. Berɛ a Owura Patch ne ne yere a ɔrebɛware no no tee deɛ ɔdi honhom mu nyaneɛ no anim no suban ho asɛm no, wɔgyinaa nokorɛ no afã, na wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Memeneda Akwanhwɛfoɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa asafo no mufoɔ a wɔn ho wɔ nyam bɛsii da a wɔwuiɛ no.
GSAM 232.3Saa anisoadehunu yi, sɛdeɛ ɛda adi pefee no, wɔde maeɛ sɛ wɔde bɛhwɛ wɔn a wɔn adwene nsakraeɛ no yiedie na ɛde mfasoɔ sononko aba wɔn, na ɛmaa nnebɔneyɛfoɔ sakraa wɔn adwene. Nanso wɔn a ɛfaa wɔn ho tẽẽ ne wɔn a na wɔn ankasa yɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔn nyaatwom nti Awurade apo wɔn no. Na “wɔadi Awurade hwammɔ;” wɔkaa sɛ wɔdi ɔkra mu yea kɛseɛ ma nnebɔneyɛfoɔ, nanso “anana mma” nko ara na wɔwoeɛ.
GSAM 232Nyaatwom Dwumayɛfoɔ Bi wɔ Camden, N.Y.
GSAM 232.4Mmeaeɛ afoforɔ a Ɔsɔfoɔ White ne Awuraa White kɔsraa wɔ afe 1849-50 awɔberɛ mu no mu baako ne Camden kuro, N.Y., a ne Oswego a na wɔda so te hɔ no ntam bɛyɛ akwansin aduanan. Saa nhyiamu yi ho no, Awuraa White se:
GSAM 232.4“Ansa na merekɔ no, wɔkyerɛɛ me kuo ketewa a wɔka sɛ wɔgye nokorɛ no di wɔ hɔ no, na wɔn mu no mehunuu ɔbaa bi a ɔkaa sɛ ɔwɔ onyamesom pa paa, nanso na ɔyɛ nyaatwomni, na ɔredaadaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ.”22
GSAM 233.1Afe 1884 Ɔpɛpɔn mu, berɛ a na mereyɛ adwuma wɔ New York mantam mu no, metee nsɛm a ɛdi soɔ yi firii Owura Preston nkyɛn. Na ɔte Camden berɛ a nhyiamu a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no kɔɔ so no, na ne nkyɛn na Ɔsɔfoɔ White ne ne yere soɛeɛ wɔ nhyiamu no berɛ mu:—
GSAM 233.2“Saa ɔbaa yi kyerɛkyerɛɛ adwene a ɛtra so wɔ ahoteɛ ho, na ɔkaa sɛ obi bɛtumi aduru pɛyɛ tebea bi a ɔbɛboro Onyankopɔn mmara so koraa; na ɔkaa sɛ ɔno deɛ, waduru saa pɛyɛ tebea no. Ɔde saa kronkronyɛ ho nkyerɛkyerɛ yi haw yɛn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Camden no mu bi adwene. Wɔkyerɛɛ Onuawa White sɛ, saa ɔbaa yi kronkronyɛ a ɔda no adi no nyinaa akyi no, bɔne nti na n’akoma yɛ tuntum, na n’abrabɔ asɛe.
GSAM 233.3“Berɛ a ɔwɔ saa beaeɛ yi no, wɔmaa Onuawa White anisoadehunu foforɔ wɔ saa ɔbaa yi anim. Na ɔdaa ne ho adi sɛ ɔwɔ ɔkra mu adesoa kɛseɛ wɔ wɔn a wɔn adwene nsakraeɛ no ho; nanso Onuawa White ka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ ɔkra mu yea amapa wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho, ɛfiri sɛ n’ankasa abrabɔ nti, ɔno ankasa nyɛ tenenee wɔ Onyankopɔn anim. Owura Preston kaa sɛ, ‘Enti deɛ wɔfrɛ no Camden anisoadehunu no faa saa ɔbaa no asɛm ho tẽẽ ne titire, na ɛnyɛ nnebɔneyɛfoɔ nyinaa tebea ho, na saa na yɛtee aseɛ saa berɛ no.’”
GSAM 233.4Awuraa White kaa n’anisoadehunu no kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, ɔbaa no sɔree kaa sɛ, “Onyankopɔn nim m’akoma, na sɛ anka mobɛtumi ahunu mu a, anka mobɛhunu sɛ emu te na ɛho nni fi.” Saa na nhyiamu no baa awieeɛ. Nanso ɛno akyi annkyɛ, yareɛ a emu yɛ den baa ɔbaa no so, na ɔsusuu sɛ ɔrewu. Ɔkaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mehunu Onuawa White; mewɔ bɔne bi a ɛsɛ sɛ mepae mu ka kyerɛ no. Meka kyerɛɛ no sɛ meyɛ ɔbaa pa, na me ho te. Ɛnyɛ saa. Meyɛ ɔbaa bɔne. Ɔbarima a me ne no te yi nyɛ me kunu. Megyaa ɔkunu pa bi ne abɔfra ketewa baako wɔ England, na me ne saa ɔbarima yi dwaneeɛ. Yɛnnwaree da. Maka sɛ meyɛ oduruyɛfoɔ, na matɔn aduro a mekaa ntam wɔ asɛnnibea sɛ toa biara boɔ yɛ $1 ma me, nanso toa biara boɔ yɛ sɛnt dumienu pɛ ma me. Mekaa ntam nso sɛ nantwie bi a yɛtɔnee maa ɔbarima hiani bi no boɔ yɛ $30 maa yɛn, nanso na ne boɔ yɛ $20 pɛ ma yɛn.”23
GSAM 234.1Saa nyaatwomfoɔ a wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ adepa yi ho na Awuraa White nsɛm a ɛfa “ɔkra mu yea wɔ nnebɔneyɛfoɔ ho” no fa, na ɛnyɛ nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ho. Sɛ yɛdwene nokwasɛm a yɛde ama wɔ atifi hɔ no ho, a ɛkyerɛ sɛ wɔkasa tiaa nkyerɛkyerɛ a ɛse “mmɔborɔhunu nni hɔ bio” mma nnebɔneyɛfoɔ no koraa firi ne mfiaseɛ a wɔhyɛɛ aseɛ kaa no wɔ afe 1845 fefɛw berɛ mu no, ne sɛ Awuraa White de nsi ayɛ adwuma ama nnebɔneyɛfoɔ adwensakra firi saa berɛ no nyinaa a, hwan na ɔbɛtumi agye adi sɛ afe 1851 mu, berɛ a wɔtintim ne nwoma a wɔato din Suahunu ne Anisoadehunu no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ sɛ “nkwagyeɛ nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ bio”?
GSAM 234Ɔbarima a Ɔka sɛ Mmɔborɔhunu Nni Hɔ Bio
GSAM 234.2Ɛduruu afe 1848 mpo no, na nnipa bi da so wɔ mmeaeɛ ahodoɔ a wɔkura adwene sɛ mmɔborɔhunu nni hɔ mma nnebɔneyɛfoɔ bio. Nanso na yeinom nyɛ Memeneda Akwanhwɛfoɔ. Saa nnipa yi mu baako a ne din de Sweet no te Rochester kuro, N.Y. Berɛ a maka me gyidie ho asɛm wɔ badwam na wɔabɔ me asu wɔ nnawɔtwe mu da a ɛdi kan so Akwanhwɛfoɔ mu nkyɛeɛ no, mekɔɔ ntomadan mu nhyiamu bi wɔ Canandaigua, N.Y., a Asɔfoɔ J. C. Bywater ne Geo. W. Burnham na wɔdi anim. Saa ɔbarima Sweet yi wɔ hɔ, na ɔdaa akyinnyeɛ a emu yɛ den adi wɔ nokorɛ a ɛwɔ me nyamesom suahunu mu ho, ɛfiri sɛ “ɔdwenee sɛ seesei nnebɔneyɛfoɔ rentumi nsakra wɔn adwene bio.”
Notes
- Mateo 25:10. ↩
- Luka 12:35, 36. ↩
- Mfitiaseɛ Nkyerɛweeɛ, kratafa 55. ↩
- Adiyisɛm 11:19. ↩
- Adiyisɛm 3:3. ↩
- Adiyisɛm 3:11. ↩
- Adiyisɛm 3:7, 8. ↩
- 1 Korintofoɔ 16:9. ↩
- 2 Korintofoɔ 2:12, 13. ↩
- Kolosefoɔ 4:2, 3. ↩
- Kristo Mmaeɛ ho Dawurubɔfoɔ, 1844 bosome 12 da 11. ↩
- Circleville, Ohio, Ɔsom mu Akyirikyirehwɛ Afidie, 1844. ↩
- Awuraa E. G. White, wɔ Kristo Mmaeɛ ho Nhwehwɛmu mu, 1883 bosome 11 da 20. ↩
- Ɔsɔfoɔ Himes amanneɛbɔ a ɛfa ne nnwuma wɔ Maine ho, wɔ Anɔpa Wɛn mu, New York kuro, 1845 bosome 6 da 6. ↩
- Nkɔmhyɛ Honhom, nwoma 4, nkratafa 268, 271. ↩
- J. N. Andrews krataa, 1874 bosome 9. ↩
- Awuraa Truesdail krataa a ɛyɛ 1875 bosome 8 da 17 deɛ. ↩
- Awuraa Truesdail krataa a ɛyɛ 1891 bosome 1 da 27 deɛ. ↩
- Ira Abbey krataa, 1885 bosome 3, a wɔafa aka wɔ Nhwehwɛmu ne Ɔdawurubɔfoɔ a ɛyɛ 1885 bosome 4 da 7 deɛ no mu. ↩
- Ahyɛaseɛ Nnwoma, kr. 45. ↩
- Hwɛ nkyerɛkyerɛmu no wɔ Ahyɛaseɛ Nnwoma, kr. 45. ↩
- Ellen G. White Abrabɔ Ho Nsɛm Tiatiawa, kr. 129. ↩
- Asɛm a Owura Preston kaa faa Camden nhyiamu no ho no si asɛm a ɛwɔ Ellen G. White Abrabɔ Ho Nsɛm Tiatiawa, nkr. 129-130, no so dua, na ɛsan de nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ yi, a wɔnkae wɔ hɔ no, ma. ↩